Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 50

Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 2

Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 2

Mmofra yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Ɛno nti, ɔhwɛ kwan sɛ awofo bɛhwɛ wɔn so yiye. Wama wɔn afotu pa pii a ebetumi aboa wɔn ama wɔayɛ saa. Afei nso, Yehowa ama mmofra ahu nea wɔn nso wɔyɛ a, ɛde anigye bɛba abusua no mu.

1. Afotu bɛn na Yehowa de ma awofo?

Yehowa hwɛ kwan sɛ awofo bɛdɔ wɔn mma, na wɔanya wɔn ho adagyew. Ɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne biara rento wɔn. Afei nso, ɔpɛ sɛ awofo de Bible mu afotusɛm tete wɔn mma. (Mmebusɛm 1:8) Bible tu agyanom fo sɛ, ‘wɔnkɔ so ntete wɔn mma wɔ Yehowa kasakyerɛ mu.’ (Kenkan Efesofo 6:4.) Sɛ awofo de Yehowa akwankyerɛ tete wɔn mma a, ɛma n’ani gye. Yehowa mpɛ sɛ awofo de saa adwuma no bɛma obi foforo sɛ ɔnyɛ mma wɔn.

2. Afotu bɛn na Yehowa de ma mmofra?

Yehowa tu mmofra fo sɛ, ‘wontie wɔn awofo asɛm.’ (Kenkan Kolosefo 3:20.) Sɛ mmofra di wɔn awofo ni na wotie wɔn a, ɛma Yehowa ani gye, na ɛma wɔn awofo nso ani gye. (Mmebusɛm 23:22-25) Bere a Yesu yɛ abofra no, ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a mmofra betumi asuasua. Ɛwom, na bɔne nni ne ho, nanso odii n’awofo ni, na otiee wɔn ɛmfa ho sɛ na bɔne wɔ wɔn ho no.—Luka 2:51, 52.

3. Dɛn na ɛbɛboa abusua bi ama wɔabɛn Onyankopɔn?

Sɛ woyɛ agya anaa ɛna a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wo mma dɔ Yehowa sɛnea wodɔ Yehowa no. Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔadɔ Yehowa? Fa Bible mu asɛm yi yɛ adwuma: “Fa [Yehowa asɛm] dua wo mma komam, na ka ho asɛm bere a wote wo fi, [ne] bere a wonam kwan so.” (Deuteronomium 6:7) Sɛ yɛka sɛ obi de biribi redua obi koma mu a, ɛkyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, obetĩ biribi mu anaa obesi so dua. Sɛ woka asɛm bi kyerɛ wo mma na wompɛ sɛ wɔn werɛ befi a, ɛyɛ a dɛn na woyɛ? Wutĩ mu mpɛn pii kyerɛ wɔn. Enti, nea kyerɛwsɛm yi rekyerɛ ne sɛ, bere biara, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ hokwan a wode bɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ wo mma. Ade baako a ɛbɛboa mo ne sɛ, nnawɔtwe biara, munyi bere bi nsi hɔ mmom nsua Bible no. Sɛ munni mmofra mpo a, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ saa nnawɔtwe biara. Ɛbɛboa mo paa.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu nneɛma a moyɛ a ebetumi ama obiara ani agye wɔ abusua no mu, na ama obiara koma atɔ ne yam.

4. Sɛ woretete wo mma a, kyerɛ sɛ wodɔ wɔn

Abatete nna fam. Nanso sɛn na Bible no betumi aboa wo? Monkenkan Yakobo 1:19, 20. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, sɛ awofo ne wɔn mma rebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na wɔyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn?

  • Sɛ ɔwofo pɛ sɛ ɔteɛ ne ba so, na ohu sɛ ne bo afuw abofra no a, ɛnsɛ sɛ ɔteɛ ne so saa bere no. Adɛn ntia? a

5. Bɔ wo mma ho ban

Sɛ wubetumi abɔ wo mma ho ban a, ade baako a ehia paa ne sɛ, wo ne wɔn mu biara bɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm. Ebia wei bɛyɛ den kakra. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛyɛ den ma awofo binom sɛ wɔbɛka nna ho asɛm akyerɛ wɔn mma?

  • Akwan bɛn na awofo binom afa so aka nna ho asɛm akyerɛ wɔn mma?

Bible hyɛɛ nkɔm sɛ, abɔnefosɛm bɛkɔ anim wɔ Satan wiase yi mu, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛrekɔ so nnɛ. Monkenkan 2 Timoteo 3:1, 13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nnipabɔnefo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm 13 no bi wɔ hɔ a, wɔfeefee mmofra. Ɛno nti, wohwɛ a, adɛn nti na ehia sɛ awofo ka nna ho asɛm kyerɛ wɔn mma, na wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi nnipabɔnefo yi ho?

Wunim biribi?

Yehowa Adansefo ayɛ video ne nhoma ahorow pii a ɛbɛboa awofo ama wɔahu sɛnea wɔbɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm akyerɛ wɔn mma, ne sɛnea wɔbɛbɔ wɔn mma ho ban afi wɔn a wɔfeefee mmofra ho. Ebi na edidi so yi:

6. Di w’awofo ni

Ɔkwan baako a mmofra ne mmabun betumi akyerɛ sɛ wobu wɔn awofo ne sɛ wɔne wɔn bɛkasa yiye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ abofra ne n’awofo rekasa na odi wɔn ni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

  • Sɛ abofra bi ne n’awofo rekasa a, ɔbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ obu wɔn?

Monkenkan Mmebusɛm 1:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ abofra bi awofo ma no akwankyerɛ a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade?

7. Mommom nsom Yehowa sɛ abusua

Mmusua a wɔyɛ Yehowa Adansefo no, wɔbɔ mmɔden sɛ nnawɔtwe biara, wobeyi bere pɔtee bi asi hɔ de asua Yehowa ho ade. Ɛyɛ a, wɔyɛ no sɛn? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛbɛboa abusua bi ama wɔayɛ Abusua Som nnawɔtwe biara?

  • Dɛn na ɔwofo bi betumi ayɛ na ama abusua som ayɛ dɛ, na obiara anya so mfaso?—Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.

  • Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ mobɛbom asua ade sɛ abusua?

Tete no, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, wɔne wɔn mma ntaa mmɔ Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmmɔ. Monkenkan Deuteronomium 6:6, 7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Wobɛyɛ dɛn de saa afotusɛm yi ayɛ adwuma?

Nneɛma a mubetumi ayɛ wɔ mo abusua som ase:

  • Mubetumi asua nea yebesua wɔ asafo nhyiam ase no.

  • Mubetumi akenkan Bible mu asɛm bi a wohwɛ a w’abusua no ani begye ho. Muwie a, na moasusuw ho.

  • Sɛ mowɔ mmofra nketewaa a, mubetumi atwe anaa moaprinte mmofra dwumadi a ɛwɔ jw.org so no bi ama wɔn.

  • Sɛ mo mma no bi yɛ mmabun a, mo ne wɔn nsusuw nsɛm a wɔayɛ ama mmabun a ɛwɔ jw.org so no bi ho.

  • Mo ne mo mma no betumi ayɛ Bible mu asɛm bi ho drama.

  • Video ahorow a ɛwɔ jw.org no, mubetumi ahwɛ bi, na moasusuw ho.

EBINOM KA SƐ: “Ɛyɛ den sɛ mmofra bɛte Bible no ase.”

  • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

NEA YƐASUA

Yehowa pɛ sɛ awofo dɔ wɔn mma, wɔtete wɔn, na wɔbɔ wɔn ho ban. Ɔpɛ sɛ mmofra nso tie wɔn awofo, na wodi wɔn ni. Afei nso, ɔpɛ sɛ mmusua bom som no.

Ntimu

  • Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fa so tete wɔn mma, na wɔbɛyɛ dɛn abɔ wɔn ho ban?

  • Nneɛma bɛn na mmofra betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodi wɔn awofo ni?

  • Nnawɔtwe biara, sɛ abusua bi yi bere si hɔ de sua Yehowa ho ade a, mfaso bɛn na wobenya?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma bi a wubetumi akyerɛ wo mma, na ama wɔanyin abɛyɛ mpanyin pa.

“Nneɛma Nsia a Ehia Sɛ Mmofra Sua” (Nyan! No. 2 2019)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu Bible mu afotusɛm a ebetumi aboa wɔn a wɔhwɛ wɔn awofo a wɔn ani afi no.

“Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?” (Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ video yi, na wubehu nea ɛboaa ɔbarima bi a na onnim abatete ma ɔbɛyɛɛ agya pa.

Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma (5:58)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ebetumi aboa agyanom ama wɔabɛn wɔn mma mmarima paa.

“Agyanom Bɛyɛ Dɛn Aka Wɔn Mma Mmarima Abɛn Wɔn?” (Ɔwɛn-Aban)

a Bible mu no, sɛ wɔka sɛ “wateɛ obi so” a, ɛkyerɛ sɛ wɔde akwankyerɛ, afotu, ne nkaanim ama onipa no. Ɛnkyerɛ sɛ wobɛyɛ obi ayayade anaa wubepira no.—Mmebusɛm 4:1.