Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 51

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Kasa Ho Atew, Na Asɔ Yehowa Ani?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Kasa Ho Atew, Na Asɔ Yehowa Ani?

Bere a Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔmaa yɛn akyɛde soronko bi. Ɛyɛ akyɛde bɛn? Ɛne sɛ, yetumi kasa. Sɛnea yɛde saa akyɛde no yɛ adwuma no ho hia Yehowa anaa? Yiw! Ɛho hia no paa. (Kenkan Yakobo 1:26.) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn kasa ho atew, na asɔ Yehowa ani?

1. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛde akyɛde a Yehowa de ama yɛn no yɛ adwuma?

Bible tu yɛn fo sɛ, ‘yɛnkɔ so nhyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛnhyehyɛ yɛn ho den.’ (1 Tesalonikafo 5:11) Wunim obi a ohia nkuranhyɛ anaa? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa no? Ma onhu sɛ wudwen ne ho paa. Ebia wubetumi aka biribi a w’ani gye ho paa wɔ ne ho akyerɛ no. Wubetumi nso akan kyerɛwsɛm bi de ahyɛ no nkuran. Kyerɛwsɛm a wubetumi de ahyɛ obi nkuran de, ɛnyɛ nã. Kae sɛ, asɛm a wobɛka no da nkyɛn a, sɛnea wobɛka no no nso betumi ahyɛ afoforo nkuran. Enti sɛ worekasa a, kasa bɔkɔɔ, na kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho.—Mmebusɛm 15:1.

2. Nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ epue fi yɛn anom?

Bible ka sɛ: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom.” (Kenkan Efesofo 4:29.) Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛka kasa fĩ. Afei nso, sɛ yɛne obi rekasa a, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw na ɛwowɔ kyerɛ no. Bio nso, ɛnsɛ sɛ yedi nkurɔfo ho nseku, anaa yɛsɛe afoforo din.—Kenkan Mmebusɛm 16:28.

3. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran?

Mpɛn pii no, nneɛma a yɛka ho asɛm no ma afoforo hu nea ɛwɔ yɛn koma mu anaa nea ɛwɔ yɛn adwene mu. (Luka 6:45) Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma pa nko ara so. Nneɛma a yedwen ho no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛteɛ, ɛho tew, ɛyɛ fɛ, na ɛsɛ ayeyi. (Filipifo 4:8) Sɛ yebetumi adwen nneɛma pa ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani, na yɛhwɛ yɛn ayɔnkofa yiye. (Mmebusɛm 13:20) Ade baako nso a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran ne sɛ yebedwen ansa na yɛakasa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Asɛm a merebɛka yi, sɛ obi te a, ɔbɛte nka sɛn?’ Bible ka sɛ: “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.”Mmebusɛm 12:18.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu sɛnea wobɛma wo kasa ho atew, na asɔ Yehowa ani. Afei ɛbɛma woahu sɛnea wode wo kasa bɛhyɛ afoforo nkuran.

4. Hwɛ wo kasa yiye

Ɛtɔ da a, yetumi ka asɛm bi, akyiri yi, na yɛanu yɛn ho. (Yakobo 3:2) Monkenkan Galatifo 5:22, 23. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Suban a wɔabobɔ so no, emu nea ɛwɔ he na wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wo bi, na aboa wo ama woatumi ahwɛ wo kasa yiye? Sɛ wunya saa suban yi bi a, ɛbɛboa wo sɛn?

Monkenkan 1 Korintofo 15:33. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Wɔn a yɛne wɔn bɔ ne nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no betumi ama yɛn kasa asesa. Ɔkwan bɛn so?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 3:1, 7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ dinn wɔ asɛm bi ho, anaa wotwɛn kosi sɛ bere pa bɛba ansa na woakasa?

5. Ka afoforo ho asɛmpa

Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛanka nsɛm a ɛyɛ yaw anaa nsɛm a ɛwowɔ ankyerɛ afoforo? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea na onua no ka nkurɔfo ho nsɛm no, na ɔpɛ sɛ ogyae. Adɛn ntia?

  • Anammɔn bɛn na otui sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsesa saa suban no?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛnka obi ho asɛmmɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:21, 22. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi ka wo ho asɛmmɔne a, sɛn na saa Kyerɛwnsɛm yi betumi aboa wo na wo bo amfuw antra so?

6. Sɛ wo ne w’abusuafo rekasa a, kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho

Sɛ yɛne yɛn abusuafo rekasa a, Yehowa pɛ sɛ yedi wɔn ni, na yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Wo ne w’abusuafo rekasa a, dɛn na ebetumi aboa wo ma woadi wɔn ni?

Monkenkan Efesofo 4:31, 32. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abusuafo hu sɛ yedi wɔn ni a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn kasa?

Sɛnea na Yehowa te nka wɔ ne Ba Yesu ho no, ɔka ma nkurɔfo tee. Monkenkan Mateo 17:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wo ne w’abusuafo rekasa a, wobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa?

Obi yɛ biribi a, ɛyɛ a kamfo no

EBINOM KA SƐ: “Me de, meka me nsɛm penpen. Sɛ me kasa nyɛ wo dɛ a, ɛnyɛ m’asɛm.”

  • Wo ne wɔn a wɔka saa no yɛ adwene anaa? Adɛn ntia?

NEA YƐASUA

Nsɛm a epue fi yɛn anom betumi ahyɛ obi nkuran anaa apira no. Enti ansa na yebebue yɛn ano akasa no, ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛpɛ sɛ yɛka no ho yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛbɛka asɛm no, ne bere a ɛsɛ sɛ yɛka no.

Ntimu

  • Akwan bɛn so na wubetumi de w’anom nsɛm aboa afoforo?

  • Nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ epue fi w’anom?

  • Dɛn na ebetumi aboa ama yɛn kasa ayɛ dɛ, na ahyɛ afoforo nkuran?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛaka nsɛm a ɛhyɛ afoforo nkuran?

Nya Anyansafo Tɛkrɛma (8:04)

Hwɛ nea ebetumi aboa wo, na woanka kasa fĩ.

“Ɛyɛ Bɔne Sɛ Wobɛka Kasafĩ Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ nea ebetumi aboa wo na woanni nkurɔfo ho nseku.

Mɛyɛ Dɛn Agyae Nsekuro No? (2:36)

Ná ɔbarima bi ka kasa fĩ, na na ɛyɛ den sɛ obegyae. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea Yehowa boaa no ma ogyaee.

“Mifii Ase Faa Adwene, Efisɛ na Bra a Merebɔ no yɛ Hu” (Ɔwɛn-Aban, August 1, 2013)