Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 54

Adwuma Bɛn Na “Akoa Nokwafo Ne Ɔbadwemma” No Yɛ?

Adwuma Bɛn Na “Akoa Nokwafo Ne Ɔbadwemma” No Yɛ?

Yesu ne Kristofo asafo no Ti. (Efesofo 5:23) Ɛwom, Yesu wɔ soro de, nanso n’akyidifo a wɔwɔ asaase so no, ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Kenkan Mateo 24:45.) Yesu ankasa na oyii saa “akoa” yi. Enti yɛbɛka a, ɔwɔ tumi kakra, nanso ɔda so ara yɛ Kristo akoa, na ɔsom Kristo nuanom. Hena ne saa akoa no? Dɛn na saa akoa no yɛ de hwɛ Kristo akyidifo so?

1. Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

Bere biara a Yehowa pɛ sɛ ɔde akwankyerɛ ma ne nkurɔfo no, ɛyɛ a ɔde fa onipa baako anaa mmarima kakraa bi so. (Malaki 2:7; Hebrifo 1:1) Bere a Yesu wui akyi no, asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no na na wɔde akwankyerɛ ma Yesu akyidifo no. (Asomafo Nnwuma 15:2) Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no na wɔde akwankyerɛ ma Yesu akyidifo a wɔwɔ asaase so. Wɔyɛ mpanyimfo kakraa bi a wɔboa yɛn ma yenya honhom fam aduan anaa Bible mu nsɛm a ɛyɛ nokware, na wɔhwɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no so. Saa mpanyimfo kakraa yi ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma a [Yesu] de no asi n’asomfo so” no. (Mateo 24:45a) Wɔn a wɔwɔ Akwankyerɛ Kuw no mu no yɛ Kristofo a Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wɔn, na wɔn anidaso ne sɛ wowu a, wɔbɛkɔ akɔka Kristo ho ne no adi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu.

2. Honhom fam aduan a akoa nokwafo no de ma yɛn no, ebi ne dɛn?

Yesu kaa sɛ, akoa nokwafo no ‘bɛma Kristofo a aka no aduan bere a ɛsɛ mu.’ (Mateo 24:45b) Sɛnea aduan boa yɛn ma yetumi nya apɔwmuden no, saa ara na honhom fam aduan anaa nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu no boa yɛn ma yenya ahoɔden a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde, na yɛakɔ so ayɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no. (1 Timoteo 4:6) Yɛyɛ dɛn nya saa honhom fam aduan anaa nkyerɛkyerɛ yi? Yenya bi wɔ asafo nhyiam, ne amansin ne amantam nhyiam ase. Afei nso, yenya bi wɔ Bible mu nhoma ne video ahorow mu. Saa nneɛma yi nyinaa boa yɛn ma yetumi hu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ, na ɛma yɛne ne ntam adamfofa no mu nso yɛ den.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a yehia “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no anaa Akwankyerɛ Kuw no.

Akwankyerɛ Kuw no na ɛde honhom fam aduan ne akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa. Afei nso, sɛ anuanom no bi kɔ ahokyere mu a, Akwankyerɛ Kuw no de mmoa a ɛfata ma wɔn

3. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ baako, na wonya nhyehyɛe a wɔde som no

Bere a Kristosom fii ase no, Yesu yii mmarima bi ma wɔkyerɛɛ n’akyidifo kwan. Ɛnnɛ nso, adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wiase nyinaa no, Akwankyerɛ Kuw no na wɔhwɛ so. Nanso Yesu na ɛkyerɛ wɔn kwan. Hwɛ VIDEO yi.

Monkenkan 1 Korintofo 14:33, 40. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ n’Adansefo yɛ baako, na wonya nhyehyɛe pa a wɔde som no?

4. Akoa nokwafo no na ɛhwɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no so

Adwuma a ɛho hia paa a Kristofo a wodi kan no yɛe ne asɛnka adwuma no. Monkenkan Asomafo Nnwuma 8:14, 25. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Bere a Kristosom fii ase no, henanom na wɔde akwankyerɛ mae ma wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no?

  • Bere a asomafo no de akwankyerɛ maa Petro ne Yohane no, dɛn na wɔyɛe?

Asɛnka adwuma no ne adwuma a ɛho hia paa a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no nsa. Hwɛ VIDEO yi.

Yesu ma yehu nea enti a asɛnka adwuma no ho hia. Monkenkan Marko 13:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na asɛnka adwuma no ho hia Akwankyerɛ Kuw no saa?

  • Adɛn nti na yehia “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akwankyerɛ, na yɛatumi aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa?

5. Akoa nokwafo no de akwankyerɛ ma Yesu akyidifo

Akwankyerɛ Kuw no na wɔde akwankyerɛ ma Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔyɛ dɛn hu akwankyerɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde ma? Bere a Kristosom fii ase no, ɛho behiae sɛ akwankyerɛ kuw a ɛwɔ hɔ saa bere no de akwankyerɛ ma Kristofo no. Hwɛ sɛnea wɔyɛɛ no. Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:1, 2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Mente-me-ho-ase bi sɔree wɔ tete Kristofo no bi ntam. Dɛn na ɛkɔfa bae?

  • Ɛbaa saa no, ɛhe na Paul, Barnaba, ne ebinom kogyee akwankyerɛ?

Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:12-18, 23-29. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ansa na akwankyerɛ kuw no resi gyinae no, dɛn na wɔyɛe a ɛma wohuu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho?—Hwɛ nkyekyɛm 12, 15, ne 28.

Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:30, 31 ne 16:4, 5. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Bere a tete Kristofo no nsa kaa akwankyerɛ a efi akwankyerɛ kuw no hɔ no, wɔyɛɛ wɔn ade sɛn?

  • Osetie a wɔyɛe no, nhyira bɛn na efii mu bae?

Monkenkan 2 Timoteo 3:16 ne Yakobo 1:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ɛnnɛ, sɛ Akwankyerɛ Kuw no resi gyinae a, ɛhe na wɔhwehwɛ akwankyerɛ?

EBINOM KA SƐ: “Akwankyerɛ Kuw no de, sɛ́ wɔyɛ nnipa. Enti sɛ wutie wɔn a, na woredi nnipa akyi.”

  • Dɛn na ɛma wugye di sɛ Yesu na ɛkyerɛ Akwankyerɛ Kuw no kwan?

NEA YƐASUA

Akwankyerɛ Kuw no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Kristo ayi no de no asi ne nkurɔfo so no. Akoa yi de akwankyerɛ ne honhom fam aduan anaa Bible nkyerɛkyerɛ ma Kristofo a wɔwɔ asaase so nyinaa.

Ntimu

  • Hena na ɔpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

  • Nneɛma bɛn na Akwankyerɛ Kuw no yɛ de hwɛ yɛn so?

  • Wugye di sɛ Akwankyerɛ Kuw no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea Akwankyerɛ Kuw no yɛ n’adwuma.

“Dɛn Ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No?” (Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ saa video yi, na wubehu sɛnea Akwankyerɛ Kuw no hwɛ ma yɛn nsa ka honhom fam aduan a ɛyɛ papa.

Sɛnea Yenya Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware (17:18)

Sɛn na Akwankyerɛ Kuw no mufo te nka wɔ adwuma a Yesu de ahyɛ wɔn nsa no ho?

Hokwan a Ɛso Bi Nni (7:04)

Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam ne amantam nhyiam a yɛkɔ no di adanse sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ Akwankyerɛ Kuw no kwan?

Yehowa Na Ɔrekyerɛkyerɛ Ne Nkurɔfo (9:39)