Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 57

Sɛ Woyɛ Bɔne Kɛse Bi a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?

Sɛ Woyɛ Bɔne Kɛse Bi a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?

Ɛwom, wodɔ Yehowa paa, na worebɔ mmɔden biara sɛ worenyɛ biribi a ɛbɛhaw no. Nanso ɛtɔ da a, wubedi mfomso anaa wobɛyɛ bɔne. Bɔne wɔ hɔ yi, ebi mu yɛ duru sen bi. (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ woyɛ bɔne bi a emu yɛ duru anaa bɔne kɛse a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo no atew kɔ anaa ɔnnɔ wo bio, mmom wayɛ krado sɛ ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo, na waboa wo.

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn?

Sɛ obi a ɔdɔ Yehowa hu sɛ wayɛ bɔne kɛse bi a, ɛyɛ a ɛma ne werɛ how paa. Nanso Yehowa aka asɛm bi a ebetumi akyekye ne werɛ. Ose: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.” (Yesaia 1:18) Wei kyerɛ sɛ, sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho a, Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn korakora. Sɛ yɛka sɛ obi anu ne ho a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ obedi bɔne a wayɛ atia Yehowa no ho yaw, na ɔnsan nkɔyɛ saa bɔne no bio. Afei ɛsɛ sɛ ɔpa Yehowa kyɛw sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ɛno da nkyɛn a, adwemmɔne a onyae a ɛma ɔkɔyɛɛ bɔne anaa subammɔne a ɛkɔfaa bɔne no bae no, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho sesa fi ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde Yehowa mmara a ɛho tew no bɛbɔ ne bra.—Kenkan Yesaia 55:6, 7.

2. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, ɔkwan bɛn so na Yehowa fa mpanyimfo no so boa yɛn?

Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.’ (Kenkan Yakobo 5:14, 15.) Asafo mu mpanyimfo no dɔ Yehowa, na wɔdɔ Yehowa asomfo nso. Wobetumi aboa yɛn ama yɛasiesie yɛne Yehowa ntam.—Galatifo 6:1.

Sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi a, dɛn na mpanyimfo no yɛ de boa no? Mpanyimfo mmienu anaa mmiɛnsa befi Kyerɛwnsɛm no mu aboa no anaa wateɛ ne so. Afei wobetu no fo, na wɔbɛkyerɛ no nneɛma bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkɔyɛ bɔne bio. Ɛtɔ da a, wobesi gyinae sɛ wɔremma ɔnyɛ nneɛma bi wɔ asafo no mu kosi sɛ ɔne Yehowa ntam bɛsan ayɛ kama bio. Nanso sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho a, mpanyimfo no betu no anaa wobeyi no afi asafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ asafo no ho ban.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu sɛnea Yehowa boa yɛn bere a yɛayɛ bɔne kɛse bi. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea yɛbɛkyerɛ mmoa a ɔde ma yɛn no ho anisɔ kɛse.

3. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi na yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa ne mpanyimfo no a, ɛbɛboa ama yɛne Yehowa ntam asan ayɛ kama

Bɔne biara a yɛyɛ no, ɛyɛ a ɛhaw Yehowa, enti ɛyɛ papa sɛ yɛka yɛn bɔne no kyerɛ no. Monkenkan Dwom 32:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛyɛ bɔne na yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa na yɛamfa ansie a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa wie, na yɛsan ka kyerɛ mpanyimfo no a, ɛbɛma yɛn ho adwo yɛn. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na mpanyimfo no yɛ de boaa Canon ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn?

Sɛ yɛreka yɛn bɔne akyerɛ mpanyimfo no a, ɛnsɛ sɛ yɛde biribiara sie, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn. Monkenkan Yakobo 5:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛreka yɛn bɔne akyerɛ mpanyimfo no, na yɛamfa biribiara ansie a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛboa yɛn. Adɛn ntia?

Sɛ woyɛ bɔne kɛse bi a, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa, na ka nea asi nyinaa kyerɛ mpanyimfo no. Afei mmoa biara a wɔde bɛma wo no, gye tom

4. Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

Sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho amfa Yehowa mmara ammɔ ne bra a, ɔrentumi ntena asafo no mu; wobetu no afi asafo no mu. Ɛba saa a, yɛrentumi ne no mmɔ fekuw anaa yɛrentumi ne no nkasa mpo. Monkenkan 1 Korintofo 5:6, 11 ne 2 Yohane 9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wode mmɔkaw kakraa bi fra mmɔre a, mmɔre no nyinaa kaw. Sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu nso yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho, na yɛne no bɔ a, ɔhaw bɛn na ebetumi de aba asafo no mu?

Wɔn a wɔatu wɔn no mu pii wɔ hɔ a, wɔasan aba asafo no mu bio. Ɛwom, nteɛso a wɔde maa wɔn no yɛ yaw, nanso aboa wɔn ama wɔn ani aba wɔn ho so. (Dwom 141:5) Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Bɔne a Sonja yɛe nti, wotuu no fii asafo no mu. Ɛboaa no sɛn?

Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, ɔkwan bɛn so na . . .

  • ɛhyɛ Yehowa din anuonyam?

  • ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ?

5. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, Yehowa de kyɛ yɛn

Yesu maa mfatoho bi a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea Yehowa te nka bere a obi ayɛ bɔne na wanu ne ho. Monkenkan Luka 15:1-7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na saa asɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho?

Monkenkan Hesekiel 33:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi yɛ bɔne bi na ɔka sɛ wanu ne ho a, dɛn paa na ɛbɛkyerɛ?

Yehowa yɛ oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho paa

EBINOM KA SƐ: “Misuro sɛ, sɛ meka me bɔne kyerɛ mpanyimfo no a, wobetu me afi asafo no mu.”

  • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wubetumi aka akyerɛ no?

NEA YƐASUA

Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse anaa bɔne bi a emu yɛ duru, na yefi yɛn komam nu yɛn ho na yesi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ bio a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn.

Ntimu

  • Sɛ yɛyɛ bɔne a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa?

  • Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

  • Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Yesaia 1:18 ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea papa bi nyaa Yehowa mmɔborɔhunu no so mfaso.

Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo (5:02)

Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, sɛn na ɛboa onii a wɔatu no no, na ɛboa asafo no nso sɛn?

“Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?” (Ɔwɛn-Aban, April 15, 2015)

Wobɛyɛ dɛn aboa obi a ɔnyɛ Yehowa Danseni ma wahu nea enti a wotu nkurɔfo fi asafo no mu?

“Ɛyɛ Ampa sɛ Obi Gyae Mo Som no a, Mo ne no Mmɔ Bio?” (Ɛwɔ jw.org)

Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Ɛsɛ sɛ Mesan ba Yehowa Nkyɛn” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea Yehowa boaa ɔbarima bi a ofii asafo no mu ma ɔsan baa ne nkyɛn.

“Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2012)