Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 59

Sɛ Nkurɔfo Tan W’ani a, Wubetumi Agyina Mu

Sɛ Nkurɔfo Tan W’ani a, Wubetumi Agyina Mu

Yɛyɛ Kristofo yi de, ɛnyɛ dɛn ara a nkurɔfo bɛsɔre atia yɛn anaa wɔbɛtan yɛn ani. Ɛsɛ sɛ wei ma yɛn koma tu anaa?

1. Adɛn nti na yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani?

Bible ka no pen sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.” (2 Timoteo 3:12) Yɛhwɛ Yesu sɛɛ a, esiane sɛ wamfa ne ho amfɔrefɔre Satan wiase no nti, nkurɔfo tan n’ani. Yɛn nso, yɛmfa yɛn ho mfɔrefɔre wiase no. Enti sɛ aban ahorow ne ɔsom ahorow tan yɛn ani a, ɛnyɛ yɛn nwonwa.—Yohane 15:18, 19.

2. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho nnɛ, na sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛatumi agyina pintinn?

Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no den. Sɛ wei bɛyɛ yiye a, da biara, ɛsɛ sɛ yegye bere kenkan n’Asɛm no, na yegye bere bɔ mpae. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛma asafo nhyiam pa yɛn ti so. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛanya akokoduru, na sɛ ɛba sɛ afoforo anaa yɛn abusuafo mpo tan yɛn ani a, yɛbɛkɔ so adi nokware. Yɛhwɛ ɔsomafo Paul sɛɛ a, nkurɔfo tan n’ani paa. Nanso ɔkaa sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro.”Hebrifo 13:6.

Ade baako nso a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya akokoduru ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, asɛnka adwuma no boa ma yɛde yɛn ho to Yehowa so, na ɛma yetumi di onipa ho suro so. (Mmebusɛm 29:25) Sɛ wunya akokoduru ka asɛmpa no saa bere yi a, ɛbɛhyɛ wo den, na sɛ ɛba sɛ daakye aban no bara adwuma a yɛreyɛ no mpo a, worennyae asɛm no ka.—1 Tesalonikafo 2:2.

3. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani na yemia yɛn ani gyina mu a, mfaso bɛn na yenya?

Ɛwom, ɛnyɛ nea yɛpɛ ne sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani, nanso sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, ɛma yɛn gyidi yɛ den. Afei nso ɛma yɛbɛn Yehowa, efisɛ edu baabi na yɛte nka sɛ yɛn ahoɔden nyinaa asa a, ɔhyɛ yɛn den. (Kenkan Yakobo 1:2-4.) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛrehu amane a, ɛyɛ a ɛyɛ no yaw paa. Nanso sɛ ohu sɛ nea yɛrefa mu nyinaa akyi, yɛreyere yɛn ho sɛ yebedi no nokware a, ɛma n’ani gye. Bible ka sɛ: “Sɛ adepa nti muhu amane na mode animia gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Petro 2:20) Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani na sɛ yɛyere yɛn ho di Yehowa nokware a, ɔbɛma yɛanya daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. Ɛhɔ de, ɛremma sɛ Yehowa a yɛresom no nti, obi bɛtan yɛn ani.—Mateo 24:13.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu sɛ, sɛ nkurɔfo tan w’ani a, wubetumi akɔ so adi Yehowa nokware. Afei nso wubehu sɛ, sɛ wutumi yɛ saa a, Yehowa behyira wo.

4. Sɛ w’abusuafo sɔre tia wo a, wubetumi agyina mu

Ná Yesu nim paa sɛ, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsom Yehowa a, yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn, enti ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo no. Monkenkan Mateo 10:34-36. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa a, dɛn na n’abusuafo betumi ayɛ no?

Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ebinom faa mu bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wo busuani anaa w’adamfo bi mpɛ sɛ wosom Yehowa a, dɛn na wobɛyɛ?

Monkenkan Dwom 27:10 ne Marko 10:29, 30. Sɛ mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo sɔre tia wo a, sɛn na saa kyerɛwsɛm yi betumi ahyɛ wo den?

5. Sɛ nkurɔfo tan w’ani a, kɔ so ara som Yehowa

Sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae Yehowa som a, ebehia sɛ yenya akokoduru na yɛatumi adi Yehowa nokware. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Anuanom a wɔn ho asɛm wɔ video no mu no, dɛn na wɔyɛe a ɛhyɛ wo den?

Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:27-29 ne Hebrifo 10:24, 25. Sɛ mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ aban no ka sɛ yennyae asafo nhyiam ne asɛnka kɔ a, adɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ so ara som Yehowa?

6. Yehowa bɛboa wo ama woagyina mu

Wokɔ wiase baabiara a, Yehowa Adansefo hyia ɔsɔretia, nanso ne nyinaa mu no, wɔkɔ so di Yehowa nokware. Dɛn na aboa wɔn ama wɔatumi ayɛ saa? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Anuanom a wɔwɔ video no mu no, dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ɔsɔretia a wohyiae no ano?

Monkenkan Romafo 8:35, 37-39 ne Filipifo 4:13. Sɛ mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a ɛma wunya awerɛhyem sɛ, ɔsɔretia biara a wubehyia no, wubetumi agyina mu ama ayɛ yiye?

Monkenkan Mateo 5:10-12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye. Adɛn ntia?

Yehowa asomfo bebree ahyia ɔsɔretia, nanso wɔatumi agyina mu. Wo nso wubetumi ayɛ saa!

EBINOM KA SƐ: “Me de, sɛ nkurɔfo tan m’ani a, minnye nni sɛ metumi agyina mu.”

  • Sɛ obi ka saa a, kyerɛwnsɛm bɛn na wubetumi de ahyɛ no den ama wahu sɛ obetumi agyina mu?

NEA YƐASUA

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani, na Yehowa hu sɛ ne nyinaa akyi yɛda so ara resom no a, ɛyɛ a n’ani sɔ paa. Ɔtaa biara a yebehyia no, obetumi aboa yɛn ama yɛagyina ano!

Ntimu

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan wɔn ani?

  • Dɛn na wubetumi ayɛ de asiesie wo ho nnɛ, na sɛ wuhyia ɔtaa a, woatumi agyina mu?

  • Dɛn na ebetumi ama woanya awerɛhyem sɛ, sɛ nkurɔfo tan w’ani sɛ dɛn mpo a, wubetumi akɔ so asom Yehowa?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Esiane sɛ onua aberante bi kaa sɛ ɔrenkɔ sraadi nti, wɔde no kɔtoo afiase. Tie n’anom asɛm, na hwɛ sɛnea Yehowa boaa no ma ogyinaa mu.

Nya Boasetɔ Bere a Worehyia Ɔtaa (2:34)

Hwɛ video yi, na wubehu nea ɛboaa awarefo bi ma wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware, ɛmfa ho sɛ aban no tan wɔn ani mfe pii no.

Yɛasom Yehowa wɔ Nsakrae Mmere Mu (7:11)

Sɛ nkurɔfo tan w’ani a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woanya akokoduru agyina mu? Kenkan saa asɛm yi, na wubenya ho mmuae.

“Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Ɔtaa” (Ɔwɛn-Aban, July 2019)

Sɛ yɛn abusuafo sɔre tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi Yehowa nokware?

“Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’” (Ɔwɛn-Aban, October 2017)