Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 60

Kɔ So Ara Ma Wo Ne Yehowa Ayɔnkofa No Mu Nyɛ Den

Kɔ So Ara Ma Wo Ne Yehowa Ayɔnkofa No Mu Nyɛ Den

Yenim sɛ baabi a woasua nhoma yi abedu yi, woahu nneɛma bebree afa Yehowa ho, na ama woabɛdɔ no paa. Ebi mpo a saa bere yi, woahyira wo ho so ama no, na woabɔ asu. Sɛ wunnya mmɔɔ asu nso a, ebia wode asi w’ani so sɛ, ɛrenkyɛ wobɛyɛ saa. Nanso wobɔ asu a, ɛnkyerɛ sɛ woawie. Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ de, ade rekye a ade resa nyinaa ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara hyɛ mu den. Yɛbɛyɛ no sɛn?

1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so hyɛ wo ne Yehowa adamfofa mu den?

Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den. Adɛn ntia? Ehia sɛ yɛyɛ saa, “na amma da sɛ yɛde nkakrankakra bɛtwe yɛn ho afi” Yehowa ho. (Hebrifo 2:1) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa nokware mu? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no, na yɛpɛ akwan ahorow a yɛbɛfa so atrɛw yɛn som mu. (Kenkan Filipifo 3:16.) Biribiara nni wiase yi mu a mfaso wɔ so sen Yehowa a yɛbɛsom no!—Dwom 84:10.

2. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ wokɔ so yɛ?

Ɛwom, ɛrenkyɛ wubesua nhoma yi awie, nanso nneɛma a woyɛ no da biara sɛ Kristoni no de, ɛsɛ sɛ wokɔ so yɛ. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ “suban foforo” no. (Efesofo 4:23, 24) Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn Asɛm na wokɔ asafo nhyiam a, wubehu Yehowa suban yiye, na wubesua nneɛma foforo pii nso afa ne ho. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa te a, bɔ mmɔden sɛ wubesuasua no wɔ w’abrabɔ mu. Nsakrae biara a ɛsɛ sɛ woyɛ no, yɛ, na ama Yehowa ani agye.

3. Sɛn na Yehowa bɛboa wo ama woanya nkɔso?

Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn ankasa bewie mo ntetee. Ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den, na ɔbɛma moagyina pintinn.’ (1 Petro 5:10) Nneɛma bɔne tumi sɔ yɛn nyinaa hwɛ. Nanso Yehowa ama yɛn nea yehia, na yɛatumi adi so nkonim. (Dwom 139:23, 24) Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wo ɔpɛ ne ahoɔden a wode bɛsom no, na woadi no nokware.—Kenkan Filipifo 2:13.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu nea woyɛ a ɛbɛma woanya nkɔso, ne sɛnea Yehowa behyira wo.

4. Kɔ so ara ne w’Adamfo Yehowa nni nkitaho

Yenim sɛ mpaebɔ ne Bible adesua aboa wo ama woatumi afa Yehowa adamfo. Ɔkwan bɛn so na saa nneɛma yi ara betumi ama woabɛn no paa?

Monkenkan Dwom 62:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?

Monkenkan Dwom 1:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ worekenkan Bible a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ no, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?

Sɛ woreyɛ wo kokoam adesua a, wobɛyɛ no sɛn na woanya so mfaso paa? Hwɛ VIDEO yi, na ɛbɛma woahu nneɛma bi a wubetumi ayɛ. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nsɛm a anuanom no kae wɔ video no mu no, emu nea ɛwɔ he na wohwɛ a wubetumi de ayɛ adwuma?

  • Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ wusua ho ade?

5. Fa botae ahorow sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu

Sɛ wode botae ahorow sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛboa wo ama woanya nkɔso. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Botae a Cameron de sisii n’ani so wɔ Yehowa som mu no, ɛboaa no sɛn?

Ɛnyɛ obiara na obetumi atu akɔ ɔman foforo so akɔka asɛmpa no. Nanso yɛn nyinaa betumi de botae ahorow asisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu. Monkenkan Mmebusɛm 21:5. Muwie a munsusuw ho nhwɛ botae ahorow a wubetumi de asisi w’ani so wɔ . . .

  • asafo no mu.

  • asɛnka mu.

Afotusɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no, sɛn na ɛbɛboa wo ma woadu botae ahorow a wode asisi w’ani so no ho?

Botae ahorow a wubetumi de asisi w’ani so

  • Wubetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn.

  • Wubetumi akan Bible no nyinaa asi.

  • Bɔ mmɔden sɛ wubehu obiara wɔ asafo no mu.

  • Bɔ mmɔden sɛ wo ne obi befi ase asua Bible.

  • Wubetumi ayɛ akwampaefo boafo anaa daa kwampaefo.

  • Woyɛ onua barima a, bɔ mmɔden sɛ wobɛba abɛyɛ asafo mu somfo.

6. Wubetumi anya anigye daa!

Monkenkan Dwom 22:26. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wopɛ sɛ wunya anigye nnɛ ne afebɔɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

NEA YƐASUA

Kɔ so ara hyɛ wo ne Yehowa adamfofa mu den, na fa botae ahorow sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu. Woyɛ saa a, wubetumi anya anigye daa!

Ntimu

  • Adɛn nti na wugye di paa sɛ Yehowa bɛboa wo ama woasom no nokwarem?

  • Wobɛyɛ dɛn ahyɛ wo ne Yehowa adamfofa mu den?

  • Wode botae ahorow sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, sɛn na ɛbɛboa wo ma woanya nkɔso?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Nneɛma mmienu yi, emu nea ɛwɔ he na ɛsɔ Yehowa ani—sɛ́ yebesi gyinae kɛse baako wɔ yɛn asetena mu de akyerɛ sɛ yɛdɔ no na yɛde aso hɔ ara, anaa sɛ́ yɛde nokwaredi bɛsom no yɛn nkwa nna nyinaa?

Di Nokware Te Sɛ Abraham (9:20)

Obi a ɔde nokwaredi som Yehowa mpo, ɛtɔ da a, biribi betumi asɛe n’anigye. Sɛ biribi saa to wo a, hwɛ nea ɛbɛboa wo ama woasan anya anigye.

Fa Adesua ne Nneɛma Ho a Wubesusuw so San Nya W’anigye (5:25)

Wobɛyɛ dɛn de botae ahorow asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu na woadu ho?

“Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam” (Ɔwɛn-Aban, July 15, 2004)

Ɛsɛ sɛ Kristoni biara ma ne ho kokwaw. Adɛn ntia, na wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

“Mompere Nkɔ Ahokokwaw Mu—‘Yehowa Da Kɛse No Abɛn’” (Ɔwɛn-Aban, May 15, 2009)