Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 2: Ntimu

Ɔfã 2: Ntimu

Nea ɔne wo sua ade no ne wo besusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:

  1. Dɛn na Onyankopɔn de bɛyɛ atoro som?

    (Hwɛ Adesua 13.)

  2. Monkenkan Exodus 20:4-6.

    • Sɛ Yehowa hu sɛ nkurɔfo fa ahoni ne nneɛma a ɛtete saa so som no a, ɔte nka sɛn?

      (Hwɛ Adesua 14.)

  3. Hena ne Yesu?

    (Hwɛ Adesua 15.)

  4. Yesu suban bɛn na w’ani gye ho paa?

    (Hwɛ Adesua 17.)

  5. Monkenkan Yohane 13:34, 35 ne Asomafo Nnwuma 5:42.

    • Sɛ yɛka nokware Kristofo a, ɛyɛ henanom? Dɛn na ɛma wugye di sɛ wɔyɛ nokware ­Kristofo?

      (Hwɛ Adesua 18 ne 19.)

  6. Hena ne asafo no ti, na sɛn na ɔkyerɛ asafo no kwan?

    (Hwɛ Adesua 20.)

  7. Monkenkan Mateo 24:14.

    • Dɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma yehu sɛ, saa nkɔmhyɛ yi abam?

    • Henanom na ɛyɛ a woka asɛmpa no bi kyerɛ wɔn?

      (Hwɛ Adesua 21 ne 22.)

  8. Wugye di sɛ, sɛ woyere wo ho bɔ asu a, wubenya nhyira? Adɛn nti na woreka saa?

    (Hwɛ Adesua 23.)

  9. Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi Satan ne ­ahonhommɔne ho?

    (Hwɛ Adesua 24.)

  10. Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa?

    (Hwɛ Adesua 25.)

  11. Adɛn nti na yehu amane na yewuwu?

    (Hwɛ Adesua 26.)

  12. Monkenkan Yohane 3:16.

    • Dɛn na Yehowa ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn afi bɔne ne owu mu?

      (Hwɛ Adesua 27.)

  13. Monkenkan Ɔsɛnkafo 9:5.

    • Sɛ yewu a, tebea bɛn na yɛkɔ mu?

    • Nnipa mpempem pii a wɔawuwu no, dɛn na Yesu bɛyɛ ama wɔn?

      (Hwɛ Adesua 29 ne 30.)

  14. Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa koraa sen nnipa aban?

    (Hwɛ Adesua 31 ne 33.)

  15. Wugye di sɛ Onyankopɔn Ahenni afi ase redi tumi? Adɛn nti na woreka saa? Bere bɛn na efii ase dii tumi?

    (Hwɛ Adesua 32.)