Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu

Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu
  1.  Hena Ne Babilon Kɛse No?

  2.  Bere Bɛn Na Mesia No Yii Ne Ti?

  3.  Akwan a Wɔfa So De Mogya Yɛ Adwuma Wɔ Ayaresa Mu

  4.  Ntetewmu

  5.  Afahyɛ Ne Nnapɔnna

  6.  Nsanyare

  7.  Adwumasɛm Ne Kɔɔto Ho Nsɛmnsɛm

 1. Hena Ne Babilon Kɛse No?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ “Babilon Kɛse” no gyina hɔ ma atoro som anaa ɔsom ahorow a ɛnyɛ papa nyinaa? (Adiyisɛm 17:5) Susuw nea edidi so yi ho hwɛ:

  • Odi tumi wɔ wiase baabiara. Bible no ka sɛ, Babilon Kɛse no te “nnipakuw ne aman” so. Afei nso, ɔwɔ “ahenni a edi asaase so ahemfo so” tumi.—Adiyisɛm 17:15, 18.

  • Ɔnyɛ aban anaa aguadi kuw bi. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, sɛ wɔresɛe Babilon Kɛse no a, wɔrensɛe “asaase so ahemfo” ne “aguadifo” nka ho.—Adiyisɛm 18:9, 15.

  • Ogu Onyankopɔn din ho fĩ. Bible no frɛ Babilon Kɛse no tuutuuni, efisɛ ɔde ne ho abɔ aban a ɛwɔ wiase no, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika anaa mmoa foforo bi afi wɔn hɔ. (Adiyisɛm 17:1, 2) Wadaadaa nnipa pii, na ɔno nti, nnipa bebree ahwere wɔn nkwa.—Adiyisɛm 18:23, 24.

San kɔ adesua 13 nkyekyɛm 6

 2. Bere Bɛn Na Mesia No Yii Ne Ti?

Bible no ka too hɔ sɛ ebedi nnawɔtwe 69 ansa na Mesia no aba.—Kenkan Daniel 9:25.

  • Bere bɛn na nnawɔtwe 69 no fii ase? Efii ase afe 455 A.Y.B. Saa afe no na Amrado Nehemia kɔɔ Yerusalem sɛ ‘ɔrekɔkyekye kurow no ama asan asi ne dedaw mu.’—Daniel 9:25; Nehemia 2:1, 5-8.

  • Nnawɔtwe 69 no dii bere tenten sɛn? Wohwɛ Bible mu a, ɛtɔ da a, wotumi de da koro gyina hɔ ma afe. Saa ara na ɛte wɔ nkɔmhyɛ yi mu. (Numeri 14:34; Hesekiel 4:6) Wei kyerɛ sɛ, nnawɔtwe baako biara gyina hɔ ma mfe nson, efisɛ nnawɔtwe biara, nnanson na ɛwɔ mu. Enti sɛ yɛka nnawɔtwe 69 no bɔ ho mpɛn nson (69 x 7) a, yebenya mfe 483.

  • Bere bɛn na nnawɔtwe 69 no baa awiei? Yɛadi kan aka sɛ nnawɔtwe 69 no fii ase afe 455 A.Y.B. Enti sɛ yɛrekan aba yɛn akyi mfe 483 a, ɛde yɛn bɛba abedu afe 29 Y.B. a Saa afe no pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ Mesia!—Luka 3:1, 2, 21, 22.

San kɔ adesua 15 nkyekyɛm 5

 3. Akwan a Wɔfa So De Mogya Yɛ Adwuma Wɔ Ayaresa Mu

Kristofo nnye mogya, na saa ara nso na wɔntwe wɔn mogya mma afoforo. Ɛno da nkyɛn a, akwan a wɔfa so sa yare no bi wɔ hɔ a, ɛtɔ da a wotumi de onipa no ankasa mogya yɛ adwuma. Ɛno nso, ɛnyɛ ne nyinaa na Kristofo gye tom. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ebinom rekɔyɛ oprehyɛn a, wodi kan twe wɔn mogya si hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a oprehyɛn no du so a, wɔde bɛyɛ adwuma. Saa kwan yi sɛɛ, Kristofo nnye ntom.—Deuteronomium 15:23.

Nanso ebi wɔ hɔ a, ebia Kristoni bi ahonim bɛma no kwan ama wagye atom. Ebi ne sɛ wɔbɛtwe obi mogya na wɔayɛ emu nhwehwɛmu, hemodialysis ne hemodilution. Ebi nso wɔ hɔ a, sɛ wɔreyɛ obi oprehyɛn a, wotumi de cell-salvage anaa heart-lung bypass machine yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara kyerɛ sɛnea ɔpɛ sɛ wɔde ne mogya yɛ adwuma bere a wɔresa no yare anaa wɔreyɛ no oprehyɛn anaa bere a wɔreyɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu. Afei nso, ɔkwan biara a adɔkotafo pɛ sɛ wɔfa so sa no yare no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛnea ɔpɛ sɛ wɔde ne mogya yɛ adwuma. Ɔkwan a dɔkotani bi bɛfa so ayɛ nea yɛabobɔ so yi, sɛ wode toto afoforo de ho a, ebia wubehu sɛ nsonsonoe kakra wɔ mu. Enti ansa na Kristoni bi bɛpene wei mu biara so no, ɛsɛ sɛ obisa dɔkotani no ma ɔkyerɛ no ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so de ne mogya ayɛ adwuma. Susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:

  • Sɛ ɛba sɛ wɔresa me yare anaa wɔreyɛ me oprehyɛn, na wɔbɛma me mogya no bi afi me nipadua mu, na sɛ ebia ɛrensan mma me nipadua mu amonom hɔ ara, nanso wɔde bɛma me ansa na wɔawie a, m’ahonim bɛma mabu mogya a afi me mu no sɛ ɛda so ara ka me nipadua ho ma enti enhia sɛ ‘wohwie gu fam’ anaa?—Deuteronomium 12:23, 24.

  • Sɛ wɔresa me yare anaa wɔreyɛ me oprehyɛn na wɔtwe me mogya no bi yɛ mu adwuma (yɛmfa no sɛ wɔde aduru fra mu) na wɔsan de ma me a, nea masua afi Bible mu nti, m’ahonim bɛma me kwan ama mapene so?

San kɔ adesua 39 nkyekyɛm 3

 4. Ntetewmu

Onyankopɔn Asɛm nhyɛ ntetewmu ho nkuran, na ɛma emu da hɔ pefee sɛ, sɛ awarefo bi tetew mu a, wɔn mu biara nni ho kwan sɛ ɔsan ware obi foforo. (1 Korintofo 7:10, 11) Nanso, tebea ahorow bi betumi asɔre ama Kristoni bi asi gyinae sɛ ɔne ne hokafo bɛtetew mu.

  • Bere a obi ahyɛ da sɛ ɔrenhwɛ n’abusua: Ebia okunu bi ahyɛ da sɛ ɔrenhwɛ n’abusua, na ɛno ama abusua no ho akyere wɔn paa. Ebia aduan a abusua no bedi anaa sika a wɔde bɛtotɔ nneɛma a wohia mpo abɔ wɔn.—1 Timoteo 5:8.

  • Bere a obi hokafo reyɛ no ayayade paa: Ebia obi hokafo boro no anaa otumi pira no, na ebetumi mpo aba sɛ ama n’apɔwmuden ho aba asɛm anaa ɛde ne nkwa ato asiane mu.—Galatifo 5:19-21.

  • Bere a obi hokafo reyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɛe ayɔnkofa a ɛda ɔne Yehowa ntam no: Ebia nneɛma a obi hokafo reyɛ nti, ontumi nsom Yehowa.—Asomafo Nnwuma 5:29.

San kɔ adesua 42 nkyekyɛm 3

 5. Afahyɛ Ne Nnapɔnna

Afahyɛ ne nnapɔnna a Yehowa ani nnye ho no, Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ mu. Nanso sɛ afahyɛ anaa nnapɔnna bi du so a, tebea bi betumi asɔre a ebehia sɛ Kristoni bi gyina nea wasua afi Bible mu no so de n’ahonim si gyinae. Tebea ahorow no bi na edidi so yi.

  • Bere a obi ama wo afirihyia pa, anaa waka biribi saa. Sɛ obi ka saa a, wubetumi aka sɛ, “Meda wo ase.” Sɛ woka saa, na sɛ onipa no bisa wo nea enti a wugyee so saa a, wubetumi akyerɛ no nea enti a wunni saa afahyɛ no.

  • Bere a afahyɛ bi adu so, na wo hokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo aka sɛ mo ne abusuafo nto nsa nnidi. Sɛ w’ahonim ma wo kwan sɛ wobɛkɔ a, wubetumi adi kan ama wo hokafo ahu sɛ, sɛ muhyiam na sɛ wɔreyɛ amanne bi a ɛne Bible no nhyia a, woremfa wo ho nhyɛ mu.

  • Bere a afahyɛ bi adu so na w’adwumawura ama wo bonus. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ wugye anaa? Ɛnyɛ ne saa. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Afahyɛ no nti na ɔde bonus no rema wo, anaa adwumaden a woreyɛ no na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ho anisɔ?’

  • Bere a afahyɛ bi adu so na obi akyɛ wo ade. Ebia onii a ɔrekyɛ wo ade no bɛka sɛ: “Minim sɛ wunni saa afahyɛ yi, nanso me ara na mepɛ sɛ mede ma wo.” Ebetumi aba sɛ, adɔe ara kɛkɛ na onipa no pɛ sɛ ɔyɛ wo. Wo ara nso wubetumi de w’ani ato fam ahwɛ sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ wo hwɛ, anaa ɔpɛ sɛ ɔyɛ ara ma wudi afahyɛ no bi? Sɛ wususuw ho wie a, sɛ́ wubegye anaa worennye de, ɛwɔ wo hɔ. Nanso gyinae biara a wubesi no, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ɛremma wo tiboa mmu wo fɔ, na ɛbɛkyerɛ nso sɛ wudi Yehowa nokware.—Asomafo Nnwuma 23:1.

San kɔ adesua 44 nkyekyɛm 1

 6. Nsanyare

Esiane sɛ yɛdɔ afoforo nti, yɛhwɛ yiye paa sɛ yɛremma nsanyare ntrɛw. Sɛ yehu sɛ yɛanya nsanyare bi anaa yɛreyɛ anya bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛamfa ansan afoforo. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, Bible tu yɛn fo sɛ: ‘Yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho.’—Romafo 13:8-10.

Sɛ obi nya nsanyare bi a, ɔbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho? Ɛnsɛ sɛ okyia afoforo, ɔyɛ wɔn atuu, anaa ɔfew obi ano. Sɛ abusua bi si gyinae sɛ wɔn apɔwmuden nti, wɔremma kwan ma ɔmma wɔn fie a, ɛnsɛ sɛ ne bo fuw anaa ɛhaw no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu na sɛ ɔwɔ nsanyare bi a, ɛsɛ sɛ odi kan yi mpanyimfo ntam nkitahodifo no asotire anaa ɔbɔ no amanneɛ. Ɛba saa a, wɔbɛyɛ nhyehyɛe foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ afoforo a wɔrebɛbɔ asu no ho ban. Afei, sɛ obi atena baabi a nsanyare bi atew asi hɔ anaa ɔne obi a ɔwɔ nsanyare abɔ pɛn a, ɛsɛ sɛ ofi ne pɛ mu kɔhwehwɛ ne mogya mu ansa na ɔne obi ayɛ aware nhyehyɛe. Sɛ obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘onnwen ɔno nko ara ho, mmom odwen afoforo nso ho bi.’—Filipifo 2:4.

San kɔ adesua 56 nkyekyɛm 2

 7. Adwumasɛm Ne Kɔɔto Ho Nsɛmnsɛm

Sɛ yɛne obi reyɛ adwuma a, adwuma no ho nsɛm ne ɛho sikasɛm nyinaa, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde kɔ nkrataa mu. Ɛba saa a, ɛrenkɔfa nsɛmnsɛm pii mma. Sɛ onii a yɛne no redi nsawɔso no yɛ yɛn nua Kristoni mpo a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛyɛ saa. (Yeremia 32:9-12) Nanso ɛno mpo no, ɛtɔ da a, sikasɛm ne nneɛma afoforo tumi kɔfa mente-me-ho-ase bi ba Kristofo mmienu ntam. Sɛ biribi saa si a, ɛsɛ sɛ wɔn mmienu no yɛ ntɛm siesie wɔn ntam, na asomdwoe ba.

Sɛ ɛba sɛ obi yɛ yɛn bɔne kɛse bi; yɛmfa no sɛ ɔbɔ yɛn nyansakorɔn anaa ɔsɛe yɛn din a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Kenkan Mateo 18:15-17.) Yesu ma yehu anammɔn mmiɛnsa bi a ɛsɛ sɛ yetu:

  1. Mommɔ mmɔden sɛ mo ara mubesiesie asɛm no.​—Hwɛ nkyekyɛm 15.

  2. Sɛ anyɛ yiye a, wubetumi de onua baako anaa anuanom mmienu bi a wɔn ho akokwaw akɔ onii a wo ne no anya asɛm no hɔ.​—Hwɛ nkyekyɛm 16.

  3. Sɛ ɛno nso ankɔ yiye a, afei de wubetumi aka ho asɛm akyerɛ asafo mu mpanyimfo no.​—Hwɛ nkyekyɛm 17.

Mpɛn pii no, ɛho nhia sɛ yɛde yɛn nuanom kɔ kɔɔto. Efisɛ ebetumi agu Yehowa din ho fĩ, na ebetumi nso asɛe asafo no din. (1 Korintofo 6:1-8) Nanso, nsɛm bi wɔ hɔ a, ebia ebehia sɛ yɛde kɔ kɔɔto kosiesie. Ebi ne: bere a awarefo bi pɛ sɛ wogyae aware wɔ mmara kwan so, bere a obi pɛ sɛ ne ba bedi ne nsam, bere a obi pɛ sɛ ne hokafo a ɔne no agyae aware anaa ɔne no atetew mu bɔ no akɔnhoma, bere a obi rehwehwɛ nsiakyibaa ho sika (insurance claims), bere a adwuma bi agu na obi sika aka mu na ɔpɛ sɛ ogye, anaa bere a nsamansew ho nsɛm asɔre. Nsɛm a yɛabobɔ so yi, sɛ Kristoni bi si gyinae sɛ ɔde bɛkɔ kɔɔto sɛnea ɛbɛyɛ a yiye bɛtɔ yiye a, ɔntoo Bible mmara biara.

Sɛ Kristoni bi nim sɛ obi ayɛ bɔne kɛse bi, ebia wato obi mmonnaa, wafeefee abofra bi, waboro obi, wabɔ korɔn (ɛnyɛ korɔn nketenkete ho asɛm na yɛreka yi), anaa wakum obi, na sɛ ɔbɔ aban atumfoɔ no amanneɛ a, ɔntoo Bible mmara biara.

San kɔ adesua 56 nkyekyɛm 3

a Efi afe 455 A.Y.B. kosi afe 1 A.Y.B. yɛ mfe 454. Efi afe 1 A.Y.B. kosi afe 1 Y.B. yɛ afe baako (efisɛ na wonni afe 0 Y.B. wɔ wɔn kalenda so). Afei, efi afe 1 Y.B. kosi afe 29 Y.B. yɛ mfe 28. Enti sɛ yɛka mfe 454 ne afe 1 ne mfe 28 no bom a, yebenya mfe 483.