Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Masiesie Me Ho Sɛ Mefi Asɛnka Ase Anaa Mɛbɔ Asu?

Masiesie Me Ho Sɛ Mefi Asɛnka Ase Anaa Mɛbɔ Asu?

Metumi Afi Ase Ne Asafo No Abom Akɔ Asɛnka Anaa?

Sɛ woyɛ nneɛma a edidi so yi a, wubetumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu:

  • Sua Bible da biara, taa bɔ mpae, na kɔ asafo nhyiam bere nyinaa.

  • Ma nea woresua afi Bible mu no nna wo koma so, na ka ho asɛm kyerɛ afoforo.

  • Yɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa, na fa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo.

  • Sɛ wokɔ asɔre bi anaa wodɔm amanyɔkuw bi a, yɛ nhyehyɛe twe wo ho fi wɔn ho.

  • Fa Yehowa mmara bɔ wo bra. Afei, ɛsɛ sɛ wo ara wusi gyinae sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ Yehowa Danseni.

Sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a, ka ho asɛm kyerɛ nea ɔne wo sua ade no. Ɔbɛka akyerɛ mpanyimfo no, na mpanyimfo no ne wo bɛbɔ nkɔmmɔ ahwɛ sɛ wofata anaa.

Masiesie Me Ho Sɛ Mɛbɔ Asu Anaa?

Sɛ woyɛ nneɛma a edidi so yi a, ebetumi aboa wo ama woabɔ asu:

  • Yere wo ho bɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu.

  • Yere wo ho yɛ asɛnka adwuma no sɛnea wubetumi.

  • Akwankyerɛ biara a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de bɛba no, fa yɛ adwuma.—Mateo 24:45-47.

  • Hyira wo ho so ma Yehowa, kyerɛ sɛ, bɔ mpae ka kyerɛ Yehowa sɛ, wopɛ sɛ wode wo nkwa nna nyinaa som no.

Sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, ka kyerɛ nea ɔne wo sua ade no. Ɔbɛka akyerɛ mpanyimfo no, na mpanyimfo no ne wo bɛbɔ nkɔmmɔ ahwɛ sɛ wofata anaa.