Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra yi, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubehu kyerɛwnsɛm ne nhwɛso a ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa wo ama woagyina ɔhaw a wuhyia no ano. Ɛbɛsan aboa wo ama woahu Bible mu nsɛm a ɛfata paa a wode bɛhyɛ afoforo nkuran, na aboa wɔn ama wɔasi gyinae a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Nea ehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛhwehwɛ asɛmti a wopɛ no. Asɛmti biara ase no, wubehu nsɛmmisa a ɛbɛboa ama woahu asɛm no ani so, ne Bible mu nhwɛso tiawa a ɛfa asɛm no ho. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Sɛnea Wubehu Nea Wopɛ Wɔ Nhoma Yi Mu.”) Woremmrɛ ho koraa na woanya afotusɛm, akwankyerɛ, ne awerɛkyekyesɛm pii a mfaso wɔ so afi Onyankopɔn Asɛm mu. Wobɛsan anya Bible mu nsɛm a ɛhyɛ den a wubetumi de aboa afoforo. Ebi ne kyerɛwnsɛm a yebetumi de ahyɛ wɔn a wɔabotow den, kyerɛwnsɛm a ɛbɛboa wɔn ama wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma, ne kyerɛwnsɛm a ɛbɛma wɔanya afotu pa ne nkuranhyɛ.

Sɛ wofa asɛmti bi a, worenhu ɛho kyerɛwnsɛm nyinaa wɔ nhoma yi mu. Nanso nea wubenya wɔ mu no bɛboa wo ama woatumi ayɛ nhwehwɛmu a ɛfata. (Mme 2:1-6) Sɛ wopɛ sɛ wodɔ asɛm bi mu asukɔ a, hwɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Wubehu kyerɛwnsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa biara mfinimfini a ɛtwe adwene kɔ Bible mu nsɛm foforo so. Wubetumi nso ahwɛ adesua nsɛm a ɛwɔ Study Bible anaa Adesua Bible no mu. Wubenya bi wɔ Borɔfo kasa, anaa kasa foforo a wutumi kenkan mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea kyerɛwsɛm bi kyerɛ paa a, ɛnde hwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu, anaa kɔ Ɔwɛn-Aban Intanɛt So Nhomakorabea hɔ. Sɛ Watch Tower Publications Index no nso wɔ kasa a wutumi kenkan mu a, wubetumi de ayɛ ho nhwehwɛmu. Wopɛ sɛ wunya ntease a yekura wɔ kyerɛwsɛm bi ho seesei a, ɛnde hwɛ nhoma a ɛbae nkyɛe a wɔatwe adwene asi so no mu.

Yɛn mpaebɔ ne sɛ nyansa, nimdeɛ, ne ntease a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu no, Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra yi bɛboa wo ama woanya bi. Bere a wode nhoma yi reyɛ adwuma no, ɛbɛma woahu paa sɛ, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Heb 4:12.