Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afahyɛ Ne Nnapɔnna

Afahyɛ Ne Nnapɔnna

Afahyɛ a Kristofo Di

Afahyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo di?

Onyankopɔn nkurɔfo de anigye hyiam som no

De 31:12; Heb 10:24, 25

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

Afahyɛ a Kristofo twe wɔn ho fi ho

Adɛn nti na ɛyɛ bɔne sɛ obi bedi afahyɛ a atorosom ho bɔn mu?

1Ko 10:21; 2Ko 6:14-18; Efe 5:10, 11

Hwɛ “Gyidi Afrafra” nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 32:1-10—Israelfo no de atorosom frafraa nokwaresom, na ɛhyɛɛ Yehowa abufuw

    • Nu 25:1-9—Bere a Yehowa nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ abosonsomfo afahyɛ ne abrabɔ bɔne mu no, Yehowa twee wɔn aso

Buronya yɛ Kristofo afahyɛ anaa?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 2:1-5—Bere a wɔwoo Yesu no, na Romafo no ahyɛ mmara sɛ ɔmanfo nyinaa nkɔkyerɛw wɔn din; ná Romafo no nim sɛ Yudafo no ani nnye ho sɛ wɔhyɛ Romafo no ase, enti sɛ wɔwoo Yesu awɔwbere mu a, anka Romafo no renka nkyerɛ Yudafo no sɛ wɔmfa awɔw no mu nkɔkyerɛw wɔn din

    • Lu 2:8, 12—Bere a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo wɔ wuram; December bere mu nso de, sɛnea awɔw wom no nti, ɛnyɛ ade a na nguanhwɛfo bɛkɔ akɔtena wuram

Ɛsɛ sɛ Kristofo di awoda anaa?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 40:20-22—Bere bi a Farao a ɔsom bosom redi n’awoda no, ɔma wɔkum obi

    • Mt 14:6-11—Bere bi a ɔhene tirimɔdenfo Herode a na ɔtan Kristo akyidifo redi n’awoda no, ɔma wɔkum Yohane Suboni

Afahyɛ ne nnapɔnna a ɛwɔ Mose Mmara no mu

Mose Mmara ne emu afahyɛ ne nnapɔnna no, ɛsɛ sɛ Kristofo di so anaa?

Ɛsɛ sɛ Kristofo di nnawɔtwe nnawɔtwe Homeda anaa?

Ɔman nnapɔnna

Sɛ aban anaa ɔman no rekae nneɛma a wɔatumi ayɛ a, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ mu anaa?

Sɛ ɔman no bɔ gua de kae ɔko bi a atwam a, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ mu anaa?

Sɛ nkurɔfo bɔ gua de anuonyam a ɛfata Yehowa ma nnipa a, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ mu anaa?

Ex 20:5; Ro 1:25

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 12:21-23—Bere a nkurɔfo de anuonyam a ɛfata Yehowa maa Herode Agripa I na ɔno nso gyei no, Onyankopɔn amfa ne ho ankyɛ no

    • Aso 14:11-15—Ɔsomafo Barnaba ne ɔsomafo Paul ampene so amma nkurɔfo amfa nidi ne anuonyam a ɛboro so amma wɔn

    • Adi 22:8, 9—Yehowa bɔfo bi ampene so amma nnipa ansom no