Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adekyɛ

Adekyɛ

Sɛn na Yehowa akyerɛ sɛ ɔno ne obi a obue ne nsam kyɛ ade sen obiara?

Adekyɛ bɛn na Onyankopɔn ani nnye ho?

Mt 6:1, 2; 2Ko 9:7; 1Pe 4:9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 4:3-7; 1Yo 3:11, 12—Nea ɛyɛe a Onyankopɔn ani annye Kain afɔrebɔ no ho

    • Aso 5:1-11—Anania ne Safira kyɛɛ ade, nanso adwemmɔne na wɔde yɛɛ saa, na wɔdii atoro nso, enti Onyankopɔn twee wɔn aso

Adekyɛ bɛn na Onyankopɔn ani gye ho?

Mt 6:3, 4; Ro 12:8; 2Ko 9:7; Heb 13:16

Hwɛ Aso 20:35 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 21:1-4—Ɔbea kunafo hiani bi fi ne komam yii ntoboa; na esua de, nanso Yesu kamfoo no

Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, nhyehyɛe bɛn na na wɔde boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu?

Aso 11:29, 30; Ro 15:25-27; 1Ko 16:1-3; 2Ko 9:5, 7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 4:34, 35—Anuanom de akyɛde pii bae, na asomafo no nso hwɛ maa wɔn a wɔhia no nsa kae

    • 2Ko 8:1, 4, 6, 14—Anuanom yɛɛ nhyehyɛe de akyɛde kɔmaa Kristofo a wɔakɔ ahokyere mu

Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ Kristofo yɛ boa wɔn abusuafo ne wɔn nuanom Kristofo?

Dɛn na Bible se yɛnyɛ mma ahiafo?

Dɛn na ɛma yehu sɛ mmoa a nkurɔfo hia paa ne sɛ yɛbɛma wɔahu Onyankopɔn?

Mt 5:3, 6; Yoh 6:26, 27; 1Ko 9:23

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 2:1-5; 3:13; Ɔsɛ 7:12; Mt 11:4, 5; 24:14

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 10:39-42—Yesu boaa Marta ma ohui sɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, ɛno na ɛsɛ sɛ ɔde di kan