Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekye

Awerɛkyekye

Bible mu nsɛm a ɛkyekye yɛn werɛ bere a yɛn abam abu

Adwinnwen

Hwɛ “Adwinnwen

Ɛyawdi; menasepɔw

Ebinom wɔ hɔ a, nneɛma a wɔrefa mu ne nsɛm a atoto wɔn no, wɔredi ho yaw

Ɔsɛ 9:11, 12

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 142:4; Ɔsɛ 4:1; 7:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ru 1:11-13, 20—Bere a Naomi kunu ne ne mma mmarima mmienu wu gyaw no a ɔredi awerɛhow no, ɔtee nka sɛ Yehowa ayi ne baako ahyɛ ne nsa

    • Hio 3:1, 11, 25, 26; 10:1—Bere a Hiob hweree n’ahode, ne mma du wuwui, na yare bɔɔ no no, odii ho yaw

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

Ebinom wɔ hɔ a, nsɛm a ɛyɛ yaw a nkurɔfo de adi wɔn no ama wɔreteetee

Ɔsɛ 4:1, 2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 1:6, 7, 10, 13-16—Penina dii Hanah ani, na ɛmaa Hanah teetee; Ɔsɔfo Panyin Eli nso kaa sɛ Hanah ayɛ biribi a ɔnyɛe

    • Hio 8:3-6; 16:1-5; 19:2, 3—Hiob nnamfo mmiɛnsa a wɔyɛɛ wɔn ho sɛ nea wɔrebɛkyekye ne werɛ no, wɔyɛɛ wɔn ho atreneefo buu Hiob atɛn, na ɛmaa Hiob yawdi no yɛɛ kɛse

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • 1Sa 1:9-11, 18—Bere a Hanah kaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ Yehowa no, ɛyaw a ɔredi no brɛɛ ase

    • Hio 42:7, 8, 10, 17—Bere a Hiob de ne nnamfo mmiɛnsa no bɔne kyɛɛ wɔn no, Yehowa maa ne yare no kɔe, na n’ani gyei

Obi ahonim a ɛteetee no

Esr 9:6; Dw 38:3, 4, 8; 40:12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 22:8-13; 23:1-3—Bere a wɔkan Mose Mmara no kyerɛɛ Ɔhene Yosia ne ne manfo no, ɛma wɔhui sɛ wɔayɛ bɔne kɛse atia Yehowa

    • Esr 9:10-15; 10:1-4—Ɔsɔfo Esra ne ɔmanfo no ahonim teetee wɔn, efisɛ na wɔn mu bi ayɛ Yehowa so asoɔden akɔwareware aman foforo so mmea

    • Lu 22:54-62—Ɔsomafo Petro ahonim buu no fɔ paa ma odii awerɛhow, efisɛ na waka no mprɛnsa sɛ onnim Yesu

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • 2Be 33:9-13, 15, 16—Yuda ahemfo a na wɔyɛ ahemfo bɔne paa no, baako ne Manase; nanso onuu ne ho, na Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no

    • Lu 15:11-32—Yesu maa mfatoho a ɛfa ɔba hohwini no ho de kyerɛe sɛ, Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ koraa

Bere a obi ayɛ yɛn ade ama ahye yɛn, obi de yɛn asim, anaa obi ayi yɛn ama

Hwɛ “Huammɔdi

Bere a yɛn bɔne ne yɛn mmerɛwyɛ reteetee yɛn

Hwɛ “Huammɔdi

Bere a yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso

Hwɛ “Adwenem Naayɛ

Bere a yɛte nka sɛ yɛn haw, anaa dwumadi bi a wɔde ahyɛ yɛn nsa boro yɛn so

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 3:11; 4:10—Bere a wɔka kyerɛɛ odiyifo Mose sɛ onkogyina Farao anim na onni Onyankopɔn nkurɔfo anim nyi wɔn mfi Egypt no, ɔtee nka sɛ ɛboro n’ahoɔden so

    • Yer 1:4-6—Yeremia tee nka sɛ osua, na onni suahu a ɔde bɛsom sɛ Yehowa diyifo aka Yehowa atemmusɛm akyerɛ nnipa a wɔyɛ asobrakye

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • Ex 3:12; 4:11, 12—Yehowa nyaa odiyifo Mose ho abotare, na ɔmaa no awerɛhyem mpɛn pii sɛ adwuma a ɔde ama no no, ɔbɛboa no ama wayɛ

    • Yer 1:7-10—Yehowa maa odiyifo Yeremia awerɛhyem sɛ, ɔhaw biara a obehyia no, ɔbɛboa no ama wadi so

Ahoɔyaw; anibere

Hwɛ “Ahoɔyaw

Bere a yare anaa onyin nti, yentumi nyɛ pii

Dw 71:9, 18; Ɔsɛ 12:1-7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 20:1-3—Bere a owuyare bɔɔ Ɔhene Hesekia no, osui pii

    • Flp 2:25-30—Ná Epafrodito abotow efisɛ asafo no tee sɛ ɔyaree; ɛhaw no sɛ anuanom besusuw sɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no, wantumi anyɛ

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • 2Sa 17:27-29; 19:31-38—Ná Basilai di nokware, na na wɔbu no; nanso na wanyin paa, enti bere a wɔmaa no adwuma bi a ɛboro n’ahoɔden so no, ɔde ahobrɛase kaa sɛ ɔrentumi nyɛ

    • Dw 41:1-3, 12—Bere a yare a emu yɛ den bɔɔ Ɔhene Dawid no, ɔde ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmoa no

    • Mr 12:41-44—Yesu kamfoo okunafo hiani bi, efisɛ ɔde nea ɔwɔ nyinaa na eyii ntoboa

Bere a nkurɔfo ne yɛn anni no yiye nti ɛyaw bi hyɛ yɛn mu

Ehu

Hwɛ “Ehu

Ɔtaa

Hwɛ “Ɔtaa