Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu

Afotu

Bere a obi retu yɛn fo

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ afotu a efi Bible mu?

Sɛ obi tu yɛn fo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie sen sɛ yɛbɛpɛ biribi ayi yɛn ho ano?

Mme 12:15; 29:1

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 1:23-31; 15:31

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 15:3, 9-23—Bere a Ɔhene Saul dii mfomso a odiyifo Samuel tuu no fo no, wantie, na mmom ɔpɛɛ nsɛm bi de yiyii ne ho ano; wei maa Yehowa poo no

    • 2Be 25:14-16, 27—Bere a Ɔhene Amasia yɛɛ bɔne a Yehowa diyifo tuu no fo no, wantie, na wei ma ɔhweree Yehowa anim dom ne n’ahobammɔ

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde obu ma ahwɛfo na yetie wɔn afotu?

1Te 5:12; 1Ti 5:17; Heb 13:7, 17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 3Yo 9, 10—Wɔn a wɔdi Kristofo asafo no anim no, na Diotrefe mfa wɔn nyɛ hwee. Nea ɔyɛe no, ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kasa tiae

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie wɔn a wɔn ani afi?

Le 19:32; Mme 16:31

Hwɛ nea edidi so yi nso: Hio 12:12; 32:7; Tit 2:3-5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 23:16-18—Bere a Yonatan a ɔkyɛn Ɔhene Dawid bɛyɛ mfe 30 de afotu maa no no, otiei, na ɛhyɛɛ no den

    • 1Ah 12:1-17—Ɔhene Rehoboam poo mpanyimfo afotu pa kotiee afotu bɔne a mmerante de maa no, na ɛkɔfaa ɔhaw bae

Dɛn na ɛma yehu sɛ mmea anokwafo ne Yehowa asomfo a wɔnyinii pii betumi ama yɛn afotu pa?

Hio 32:6, 9, 10; Mme 31:1, 10, 26; Ɔsɛ 4:13

Hwɛ Dw 119:100 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 25:14-35—Abigail tuu Ɔhene Dawid fo, na bere a ɔde afotu no yɛɛ adwuma no, egyee nnipa pii nkwa, na amma Dawid anni mogya ho fɔ

    • 2Sa 20:15-22—Ɔbea nyansafo bi a ɔwɔ Habel tumi gyee kurow no mufo nyinaa nkwa esiane n’afotu pa nti

    • 2Ah 5:1-14—Asɛm a Israelni abeawa kumaa bi kae maa ɔkatakyi bi huu nea ɔyɛ a ɛbɛma ne kwata akɔ

Wɔn a wɔmfa Yehowa ne n’asɛm nyɛ hwee no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantie wɔn afotu?

Dw 1:1; Mme 4:14

Hwɛ Lu 6:39 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Be 10:13, 14—Ɔhene Saul anhwehwɛ Yehowa akyi kwan, na mmom ɔkɔɔ ɔdebisafo hɔ. N’asoɔden nti owui

    • 2Be 22:2-5, 9—Ɔhene Ahasia tiee afotu bɔne, na owui

    • Hio 21:7, 14-16—Wɔn a wɔmmu Yehowa no, Hiob amfa n’adwene amma wɔn, na wantie wɔn afotu nso

Bere a yɛretu obi fo

Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yehu asɛm bi ani so yiye, na yetie wɔn a asɛm no fa wɔn ho nyinaa ansa na yɛakyerɛ yɛn adwene?

Mme 18:13, 17

Hwɛ Mme 25:8 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 1:9-16—Ɔsɔfo Panyin Eli twiw ɔbea nokwafo Hanah anim kaa sɛ wabow, bere a na onnim nea ɛrekɔ so ankasa

    • Mt 16:21-23—Ɔsomafo Petro kaa Yesu anim, na esiane sɛ Petro annwene asɛm no ho ankɔ akyiri nti, ɔmaa Yesu afotu bi a ɛbɛma wayɛ biribi a ɛne Yehowa apɛde nhyia na mmom ɛbɛma Satan ani agye

Ansa na yebetu obi fo no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ nyansa fi Yehowa hɔ?

Dw 32:8; 73:23, 24; Mme 3:5, 6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 3:13-18—Odiyifo Mose srɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no sɛnea obeyi Israelfo no nsɛmmisa ano

    • 1Ah 3:5-12—Ɔhene Solomon mmeranteberem no, wamfa ɔno ara n’adwene ammu ɔman no, mmom ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no nyansa, na Yehowa nso hyiraa no

Sɛ yɛretu obi fo, anaa yɛrema asɛm bi ho mmuae a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ efi Bible mu?

Dw 119:24, 105; Mme 19:21; 2Ti 3:16, 17

Hwɛ De 17:18-20 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 4:1-11—Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, Yesu amfa ɔno ara ne nyansa amma no mmuae, mmom nea ɔkae biara fi Onyankopɔn Asɛm mu

    • Yoh 12:49, 50—Yesu kyerɛɛ mu sɛ biribiara a ɔkyerɛkyerɛe no, osua fii n’agya hɔ; saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ

Sɛ yɛretu obi fo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda odwo adi, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a yefi yɛn komam kamfo no nso?

Ga 6:1; Kol 3:12

Hwɛ nea edidi so yi nso: Yes 9:6; 42:1-3; Mt 11:28, 29

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 19:2, 3—Yehowa nam ne diyifo so kaa Ɔhene Yehosafat anim, nanso ɔkaa nneɛma pa a wayɛ nso ho asɛm

    • Adi 2:1-4, 8, 9, 12-14, 18-20—Yesu de afotu maa nsafo bi, nanso odii kan kamfoo wɔn ansa

Sɛ Kristoni bi bɛka kyerɛ yɛn sɛ ne nua Kristoni abɔ no nyansakorɔn anaa wasɛe ne din anaa wayɛ biribi a ɛte saa atia no a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhyɛ no nkuran ama ɔne ne nua no nko ara akosiesie wɔn ntam?

Sɛ Kristoni bi te nka sɛ obi ayɛ no bɔne a, yɛbɛyɛ dɛn aboa no ama wanya mmɔborɔhunu ne abotare, na ɔde bɔne akyɛ?

Mt 18:21, 22; Mr 11:25; Lu 6:36; Efe 4:32; Kol 3:13

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mt 6:14; 1Ko 6:1-8; 1Pe 3:8, 9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 18:23-35—Yesu maa mfatoho kama bi de kyerɛɛ nea enti a ehia paa sɛ yɛde bɔne kyɛ

Sɛ yɛretu obi fo a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛka nea Yehowa pɛ sɛ yɛka?

Dw 141:5; Mme 17:10; 2Ko 7:8-11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 15:23-29—Odiyifo Samuel ansuro sɛ ɔbɛka Ɔhene Saul anim

    • 1Ah 22:19-28—Ahunahuna ne ateetee a wɔde odiyifo Mikaia faa mu nyinaa akyi no, wansesa atemmusɛm a na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ Ɔhene Ahab no

Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so atu obi fo a ɛremma ɔne Yehowa ntam nsɛe?

Heb 12:11-13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 22:31-34—Ɔsomafo Petro dii mfomso akɛse, nanso Yesu kaa sɛ Petro ani bɛba ne ho so na wahyɛ afoforo den; wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ Petro mu ahotoso

    • Flm 21—Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɔwɔ Filemon mu ahotoso sɛ obetie n’afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no

Wɔn a biribi haw wɔn, anaa wɔn a wɔn abam abu no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho bere a yɛrema wɔn afotu no?

Dɛn na yɛbɛyɛ ama obi a wayɛ bɔne ahu sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa no ma ogyina ne nan so bio?

Sɛ yɛretu obi fo na sɛ ɔyɛ abofra oo, ɔpanyin oo, ɔbea oo, ɔbarima oo, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu no?

Sɛ asafo mu mpanyimfo de Bible tu obi fo mpɛn pii nanso ɔmfa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nan si fam de nteɛso a emu yɛn den ma no?