Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Huammɔdi

Huammɔdi

Bere a obi ayɛ yɛn ade ama ahye yɛn, obi de yɛn asim, anaa obi ayi yɛn ama

Dw 55:12-14; Lu 22:21, 48

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 8:1-6—Bere a Israelfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ ɔhene ara na wɔpɛ no, ɛyɛɛ Samuel yaw, na ɔtee nka sɛ Israelfo no ama ne nsa asi fam

    • 1Sa 20:30-34—Ɔhene Saul bo fuw ne ba Yonatan paa, na oguu n’anim ase; wei yɛɛ Yonatan yaw

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • Dw 55:12-14, 16-18, 22—Ɛwom sɛ Ahitofel a na ɔyɛ Ɔhene Dawid adamfo paa no yii no mae de, nanso Dawid tow n’adesoa too Yehowa so, na onyaa awerɛkyekye

    • 2Ti 4:16-18—Bere a ɔsomafo Paul kɔɔ sɔhwɛ mu no, ne yɔnko nnipa twee wɔn ho fii ne ho, nanso Yehowa maa no anidaso na ɔhyɛɛ no den

Bere a yɛn bɔne ne yɛn mmerɛwyɛ reteetee yɛn

Hio 14:4; Ro 3:23; 5:12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 51:1-5—Ɔhene Dawid dii yaw paa sɛ wayɛ bɔne atia Yehowa

    • Ro 7:19-24—Ɔsomafo Paul aba mu bui, efisɛ adepa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ nso ontumi nyɛ no, na ɛteetee no daa

  • Kyerɛwnsɛm a ɛma awerɛkyekye:

  • Bible mu nhwɛso a ɛma awerɛkyekye:

    • 1Ah 9:2-5—Ɛwom sɛ Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso Yehowa kaa sɛ ɔyɛ ɔtreneeni

    • 1Ti 1:12-16—Ɛwom sɛ Ɔsomafo Paul yɛɛ bɔne akɛseakɛse ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni de, nanso na ɔwɔ awerɛhyem paa sɛ wɔbehu no mmɔbɔ