Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Yɛn Abam Abu

Bere a Yɛn Abam Abu

Sɛn na sɛ Yehowa asomfo aba mu bu a, etumi pira wɔn?

Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ yɛn aba mu bu a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛadi so?

Dw 23:1-6; 113:6-8; Yes 40:11; 41:10, 13; 2Ko 1:3, 4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 11:28-30—Yesu daa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ; ná ne yam ye, na ɔmaa nkurɔfo ho dwoo wɔn

    • Mt 12:15-21—Yesu yii ne yam boaa wɔn a wɔn aba mu abu; nea ɔyɛe no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 42:1-4 no baa mu

Bible mu nsɛm a ebetumi aboa yɛn bere a yɛn aba mu abu

Hwɛ “Awerɛkyekye

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran?

Mt 18:6; Efe 4:29

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nu 32:6-15—Akwansrafo du de amanneɛbɔ a etu koma brɛɛ Israelfo no, na ɔman mũ no nyinaa huu amane

    • 2Be 15:1-8—Asɛm a efi Yehowa hɔ boaa Ɔhene Asa ma onyaa akokoduru na oyiyii abosom fĩ fii asaase no so