Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tu a Wɔtu Obi

Tu a Wɔtu Obi

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ na wɔhwɛ ma asafo no ho tew?

Sɛn na onua anaa onuawa bi nneyɛe bɔne betumi aka asafo no nyinaa?

1Ko 5:1, 2, 5, 6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yos 7:1, 4-14, 20-26—Bɔne a Akan yɛe a na n’abusuafo nso nim ho bi no, ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ ɔman no nyinaa

    • Yon 1:1-16—Odiyifo Yona asoɔden nti, ɔde wɔn a na wɔne no te po so hyɛn no mu nyinaa nkwa too asiane mu

Abrabɔ bɛn na obi rentumi mfa ntena Kristofo asafo no mu?

Kristoni a wabɔ asu a ɔkɔ so yɛ bɔne a anibere wom no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no?

Ansa na asɛnni boayikuw besi gyinae wɔ asɛm bi ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔhu?

De 13:12-14; 17:2-4, 7

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 18:13; 1Ti 5:21

Mpanyimfo a wɔka asɛnni boayikuw ho bɛyɛ dɛn ahu sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru?

Adɛn nti na ɛtɔ da a, ehia sɛ wɔtu obi anaa wɔka obi anim? Sɛn na asafo no betumi anya so mfaso?

Wɔn a wɔatu wɔn no, sɛn na Bible se yɛnyɛ wɔn?

Sɛ obi a wɔatu no nu ne ho a, obetumi abɛka asafo no ho bio anaa?

2Ko 2:6, 7

Hwɛ “Adwensakra” nso

Dɛn na asafo no muni biara betumi ayɛ ama asafo no ho akɔ so atew?

Kristoni bi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru betumi anya adwene sɛ ɔka a anhwɛ a wɔbetu no, enti ebia ɔbɛkata ne bɔne no so. Adɛn nti na wei yɛ mfomso?

Ɛtɔ da a, wɔntuu obi mfii asafo no mu de, nanso ehia sɛ yɛhwɛ yɛne n’adamfofa yiye. Adɛn ntia?

Sɛ wɔbɔ Kristoni bi nyansakorɔn anaa wɔsɛe ne din a, dɛn na ɔpɛ a obetumi ayɛ, na adɛn ntia?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw tu wɔn a wɔnenam basabasa no fo?