Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asanom

Asanom

Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnom nsã koraa anaa?

Dw 104:14, 15; Ɔsɛ 9:7; 10:19; 1Ti 5:23

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yoh 2:1-11—Anwanwade a edi kan a Yesu yɛe ne sɛ, ɔmaa nsu danee nsã pa wɔ ayeforohyia apontow bi ase; nea ɔyɛe no boaa ayeforokunu ne ne yere no na wɔn anim angu ase

Obi nom nsã tra so anaa ɔnom nsã bow a, asiane bɛn na ɛwom?

Sɛn na Onyankopɔn asomfo bu asabow?

1Ko 5:11; 6:9, 10; Efe 5:18; 1Ti 3:2, 3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 9:20-25—Esiane sɛ Noa nom nsã bowee nti, ɛmaa ne ba Ham babarima nyaa kwan yɛɛ bɔne a emu yɛ duru

    • 1Sa 25:2, 3, 36—Ná Nabal asɛm yɛ den, na na ɔyɛ ogyimifo; aniwude a ɔyɛe no bi ne sɛ, ɔnom nsã bowee sram

    • Da 5:1-6, 22, 23, 30, 31—Ɔhene Belsasar nom nsã bowee, na obuu Yehowa Nyankopɔn animtiaa; saa anadwo no ara, wɔkum no

Sɛ yɛnom nsã na yɛmmow mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nsã dodow a yɛnom no yiye?

Sɛ yenim sɛ onua anaa onuawa bi ntumi nhyɛ ne ho so wɔ nsa ho a, dɛn na yebetumi ayɛ aboa no?