Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkuranhyɛ

Nkuranhyɛ

Adɛn nti na ehia sɛ Onyankopɔn asomfo hyehyɛ wɔn ho nkuran?

Yes 35:3, 4; Kol 3:16; 1Te 5:11; Heb 3:13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 32:2-8—Bere a Asiriafo yɛe sɛ wɔbɛtow ahyɛ Ɔhene Hesekia nkurɔfo so no, ɔhyɛɛ ne nkurɔfo no den

    • Da 10:2, 8-11, 18, 19—Bere a odiyifo Daniel bɔɔ akwakoraa na ɔyɛɛ mmerɛw no, ɔbɔfo bi hyɛɛ no nkuran na ɔhyɛɛ no den

Adɛn nti na Yehowa hwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo bɛhyɛ afoforo nkuran?

Yes 32:1, 2; 1Pe 5:1-3

Hwɛ Mt 11:28-30 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 3:28; 31:7, 8—Odiyifo Mose hyɛɛ Yosua nkuran, na ɔhyɛɛ no den sɛnea Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no

    • Aso 11:22-26; 14:22—Bere a wɔtan Kristofo ani no, ɔsomafo Paul ne ɔsomafo Barnaba hyɛɛ anuanom a ɛwɔ Antiokia no nkuran

Adɛn nti na sɛ yɛrehyɛ obi nkuran a, ehia sɛ yefi yɛn komam kamfo no?

Mme 31:28, 29; 1Ko 11:2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ate 11:37-40—Afe biara, na Israel mmabaa twa kwan kɔsra Ɔtemmufo Yefta babea no; ná wɔkamfo no sɛ watu ne ho ama resom Yehowa

    • Adi 2:1-4—Ɛwom sɛ na ehia sɛ Yesu teɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no so de, nanso ɔsan kamfoo wɔn

Yehowa asomfo anokwafo bɛyɛ dɛn ahyehyɛ wɔn ho nkuran?

Mme 15:23; Efe 4:29; Flp 1:13, 14; Kol 4:6; 1Te 5:14

Hwɛ 2Ko 7:13, 15, 16 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 23:16-18—Ná Yonatan nim sɛ n’adamfo Dawid hia nkuranhyɛ, enti ɔhwehwɛɛ no hyɛɛ no nkuran

    • Yoh 16:33—Yesu kaee n’asuafo no sɛ, wadi wiase so nkonim, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, sɛ wɔsuasua no a, wɔn nso bedi wiase so nkonim

    • Aso 28:14-16—Bere a wɔde ɔsomafo Paul nam kwan so rekɔ Roma ama wɔakodi n’asɛm no, anuanom mmarima anokwafo bi twaa kwan kohyiaa no hyɛɛ no nkuran. Bere a Paul huu wɔn no, ne koma tɔɔ ne yam

Adɛn nti na ehia sɛ yebu afoforo, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanwiinwii?

Flp 2:14-16; Yuda 16-19

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nu 11:10-15—Israelfo asoɔden ne wɔn anwiinwii nti, odiyifo Mose aba mu bui paa

    • Nu 13:31, 32; 14:2-6—Akwansrafo du a wɔnni gyidi no de amanneɛbɔ a etu koma bae, na ɛno maa nkurɔfo no aba mu bui, na wɔtew atua

Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, sɛn na ɛhyɛ yɛn den?

Mme 27:17; Ro 1:11, 12; Heb 10:24, 25; 12:12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 20:1-19—Bere a asraafodɔm baa Ɔhene Yehosafat so no, ɔboaboaa ne manfo ano ma wɔbɔɔ mpae

    • Aso 12:1-5, 12-17—Bere a wɔkum ɔsomafo Yakobo na wɔkyeree ɔsomafo Petro too afiase no, asafo a ɛwɔ Yerusalem no hyiaam bɔɔ mpae

Sɛ yehyia sɔhwɛ a, adɛn nti na yɛn anidaso a yebedwinnwen ho no betumi aboa yɛn ama yɛde animia agyina mu?

Aso 5:40, 41; Ro 8:35-39; 1Ko 4:11-13; 2Ko 4:16-18; 1Pe 1:6, 7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 39:19-23; 40:1-8—Ɛwom sɛ nkurɔfo twaa atoro too Yosef so na wɔbuu no atɛnkyea de no too afiase de, nanso Yosef kɔɔ so dii Yehowa nokware, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa afoforo

    • 2Ah 6:15-17—Bere a asraafodɔm baa odiyifo Elisa so no, wansuro, na ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa mma ne somfo no nso akokoduru

Bible betumi ahyɛ yɛn nkuran

Nkuranhyɛsɛm bɛn na Yehowa de ma yɛn?

Sɛ yedwinnwen Yehowa abotare ne n’ahummɔbɔ ho a, sɛn na ebetumi ahyɛ yɛn nkuran?

Wɔn a wɔayɛ mmerɛw no, dɛn na Yehowa betumi ayɛ ama wɔn?

Dw 46:1; Yes 12:2; 40:29-31; Flp 4:13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 1:10, 11, 17, 18—Yehowa tiee Hanah mpaebɔ, na bere a Hanah werɛ ahow paa na ɔresu no, Yehowa kyekyee ne werɛ

    • 1Ah 19:1-19—Bere a odiyifo Elia aba mu bui no, Yehowa maa no nsu ne aduan. Ɔmaa no anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na ɛno kyekyee Elia werɛ

Sɛn na daakye ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no ma yenya akokoduru?

2Be 15:7; Dw 27:13, 14; Heb 6:17-19; 12:2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 14:1, 2, 7-9, 13-15—Bere a na Hiob rehu amane a n’ani atutu aka ne nsam mpo no, na ɔwɔ anidaso sɛ daakye Yehowa benyan no, na ɛno kyekyee ne werɛ

    • Da 12:13—Ɔbɔfo bi baa odiyifo Daniel a wadi bɛyɛ mfe 100 no nkyɛn; ɔkaa nhyira a Daniel benya daakye kyerɛɛ no, na ɛhyɛɛ Daniel den

Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yedwinnwen ne ho nsɛm a yenim ho a, adɛn nti na ɛbɛhyɛ yɛn nkuran?

Dw 18:6; 56:4, 11; Heb 13:6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 30:1-9—Bere a Ɔhene Dawid ho yeraw no no, ɔbɔɔ Yehowa mpae, na onyaa ahoɔden

    • Lu 22:39-43—Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ a ano yɛ den sen biara no, ɔbɔɔ Yehowa mpae denneennen; Yehowa tiee ne mpae no, na ɔsomaa ɔbɔfo bɛhyɛɛ no den

Sɛ yɛte amanneɛbɔ pa a, sɛn na ɛboa yɛn, na adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛne afoforo kyɛ saa amanneɛbɔ no?

Mme 15:30; 25:25; Yes 52:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 15:2-4—Nsafo a ɔsomafo Paul ne ɔsomafo Barnaba kɔsrasraa wɔn no, wɔhyɛɛ emufo den paa

    • 3Yo 1-4—Bere a ɔsomafo Yohane a wabɔ akwakoraa no tee sɛ wɔn a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no da so ara redi nokware no, ɛhyɛɛ no nkuran paa