Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi

Gyidi

Yɛyɛ dɛn hu sɛ gyidi a yebenya no ho hia Yehowa paa?

Yoh 3:16, 18; Ga 3:8, 9, 11; Efe 6:16; Heb 11:6

Hwɛ 2Ko 5:7 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Heb 11:1–12:3—Ɔsomafo Paul ma yehuu nea gyidi kyerɛ, na ɔbobɔɔ wɔn a wɔnyaa gyidi no pii din fii Habel so kosii Yesu Kristo so

    • Yak 2:18-24—Yakobo de Abraham nhwɛso no kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho

Dɛn na ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den?

Ro 10:9, 10, 17; 1Ko 16:13; Yak 2:17

Hwɛ Heb 3:12-14 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 20:1-6, 12, 13, 20-23—Bere a atamfo hunahunaa Onyankopɔn nkurɔfo no, Ɔhene Yehosafat ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔbedi nkonim a, gye sɛ wɔnya Yehowa ne n’adiyifo no mu gyidi

    • 1Ah 18:41-46—Odiyifo Elia nyaa abotare twɛn kosii sɛ Yehowa maa ɔpɛ a na asi no kɔe. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ, na ɔwɔ gyidi