Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua

Abusua

Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua

Awofo

Hwɛ “Awofo

Agyanom

Hwɛ “Agyanom

Ɛnanom

Hwɛ “Ɛnanom; Maamenom

Okununom, Ɔyerenom

Hwɛ “Aware

Mma Mmarima Ne Mma Mmea

Dɛn na Yehowa pɛ sɛ mmofra yɛ wɔ abusua mu?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo?

Efe 6:1-3; Kol 3:20

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 78:1-8—Israelfo no kaa nea wɔn agyanom yɛe ho asɛm kyerɛɛ wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya Onyankopɔn mu gyidi na wɔantew atua

    • Lu 2:51, 52—Ná bɔne biara nni Yesu ho, nanso ne mmofraase nyinaa ɔyɛɛ osetie maa n’awofo a bɔne wɔ wɔn ho

Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmofra sɛ wɔbetie wɔn awofo?

Onyankopɔn hu mmofra atuatewfo sɛn?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 21:18-21—Sɛ abofra bi nyin bɛyɛ otuatewfo a n’aso yɛ den ne ɔsabofo a ontie n’awofo asɛm, na wɔtu no fo na sɛ ontie a, Mose Mmara no kaa sɛ wɔnkum no

    • 2Ah 2:23, 24—Bere a mmarimaa bi dii Onyankopɔn diyifo Elisa ho agorɔ na wɔbuu no animtiaa no, asisi mmienu bekunkum wɔn mu bi

Hokwan a awofo wɔ sɛ wɔbɛtete mmofra no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔbu no?

Dw 127:3; 128:3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Le 26:9—Israelfo bere so no, sɛ obi wo ba a, na obu no sɛ Yehowa na ahyira no

    • Hio 42:12, 13—Esiane sɛ Hiob dii Yehowa nokware kosii ase nti, Yehowa hyiraa Hiob ne ne yere ma wɔsan woo mma du

Sɛn na anuafoɔ tena a, ɛbɛma Yehowa ani agye?

Dw 34:14; Mme 15:23; 19:11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 27:41; 33:1-11—Yakob daa obu kɛse adi kyerɛɛ ne nua Esau; ɛno maa Esau koma tɔɔ ne yam, na asomdwoe baa wɔn ntam

Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin yɛ ma wɔn awofo ne wɔn nananom?

Mme 23:22; 1Ti 5:4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 11:31, 32—Bere a Abraham retu afi Ur no, ɔde ne papa Tera kaa ne ho kɔe, na ɔhwɛɛ no kosii sɛ owui

    • Mt 15:3-6—Yesu de Mose Mmara no mu nsɛm kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin boa wɔn awofo ma wɔnya nea wɔhia

Nsenom

Hwɛ “Nsenom

Nananom

Hwɛ “Nananom