Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔnefakyɛ

Bɔnefakyɛ

Yehowa ka sɛ ɔde bɔne rekyɛ a, ɔyɛ no sɛn?

Dw 86:5; Da 9:9; Mik 7:18

Hwɛ 2Pe 3:9 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 78:40, 41; 106:36-46—Israelfo no yɛɛ Yehowa bɔne mpɛn pii de hyɛɛ no awerɛhow, nanso ne nyinaa Yehowa de kyɛɛ wɔn

    • Lu 15:11-32—Yesu maa mfatoho bi de kyerɛkyerɛɛ Yehowa bɔnefakyɛ mu; ɔkaa sɛ, agya mmɔborɔhunufo bi ba yɛɛ bɔne, nanso akyiri yi a onuu ne ho no, ɔde ne bɔne kyɛɛ no

Dɛn na Yehowa gyina so de bɔne kyɛ?

Yoh 1:29; Efe 1:7; 1Yo 2:1, 2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Heb 9:22-28—Ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ Kristo mogya nko ara na etumi ma wɔde bɔne kyɛ

    • Adi 7:9, 10, 14, 15—Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ohuu “nnipakuw kɛse bi” a Kristo mogya a ɔde bɔɔ afɔre nti, wɔn ho atew wɔ Onyankopɔn anim

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnde sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Mt 6:14, 15; Mr 11:25; Lu 17:3, 4; Yak 2:13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 42:7-10—Ansa na Yehowa reyi Hiob amanehunu no afi hɔ ama wanya apɔwmuden ne nhyira no, ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma ne nnamfo mmiɛnsa a wɔkekaa nsɛm a ɛmfa kwan mu no

    • Mt 18:21-35—Yesu maa mfatoho bi de kyerɛɛ pefee sɛ, sɛ yɛamfa afoforo bɔne ankyɛ wɔn a, yɛn nso yɛrennya bɔnefakyɛ.

Adɛn nti na ehia sɛ yɛka yɛn bɔne na yefi yɛn komam nu yɛn ho?

Aso 3:19; 26:20; 1Yo 1:8-10

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 32:1-5; 51:1, 2, 16, 17—Bɔne a emu yɛ duru a Ɔhene Dawid yɛe nti, odii awerɛhow kɛse, nanso onuu ne ho paa

    • Yak 5:14-16—Yakobo kyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yekohu mpanyimfo no

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Mme 28:13; Yes 55:7; Efe 4:28

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 21:27-29; 2Be 18:18-22, 33, 34; 19:1, 2—Bere a Yehowa kaa sɛ ɔbɛtwe Ɔhene Ahab aso no, ɔbrɛɛ ne ho ase, na Yehowa huu no mmɔbɔ. Nanso wanyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa, enti Yehowa kum no

    • 2Be 33:1-16—Ná Ɔhene Manase yɛ ɔhene bɔne paa, nanso bere a onuu ne ho no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. Nea Manase yɛe a ɛkyerɛ sɛ wasesa koraa ne sɛ, otuu atorosom so sa, na ɔboa maa nokware som kɔɔ so

Dɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa de, ɔde kyɛ a na ɔde akyɛ?

Dw 103:10-14; Yes 1:18; 38:17; Yer 31:34; Mik 7:19

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 12:13; 24:1; 1Ah 9:4, 5—Ɛwom, Ɔhene Dawid yeyɛɛ bɔne a emu yɛ duru, nanso bere a onuu ne ho no, Yehowa de kyɛɛ no, na akyiri yi ɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ obi a ne koma di mu

Dɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ oyi ne yam de bɔne kyɛ te sɛ Yehowa pɛpɛɛpɛ?

Dw 86:5; Lu 23:33, 34

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 26:36, 40, 41—Bere a Yesu hia mmoa paa no, n’akyidifo a wɔbɛn no paa no dedae; ne nyinaa akyi no, Yesu tee wɔn ase; ohui sɛ ɔpɛ no wɔ hɔ de nso na wɔabrɛ

    • Mt 26:69-75; Lu 24:33, 34; Aso 2:37-41—Ɔsomafo Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu, nanso bere a onuu ne ho no, Yesu Kristo de kyɛɛ no. Akyiri yi a Yesu nyanee no, ɔhyɛɛ da kɔɔ Petro hɔ, na ɛno akyi no, ɔde dwumadi titiriw bi hyehyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu

Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ obiara na Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no?

Mt 12:31; Heb 10:26, 27; 1Yo 5:16, 17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 23:29-33—Yesu kaa sɛ akyerɛwfo ne Farisifo akuw no, Gehenna atemmu anaa daa ɔsɛe na ɛda hɔ retwɛn wɔn

    • Yoh 17:12; Mr 14:21—Yesu frɛɛ Yuda Iskariot a oyii no mae no “ɔsɛe ba,” na ɔkaa sɛ wɔanwo no koraa a anka eye

Dɛn na ɛbɛboa Kristofo na obi yɛ wɔn bɔne a wɔde akyɛ no?