Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahofadi

Ahofadi

Hena na ɔde ne ho wɔ amansan yi mu a ɔnhyɛ obiara ase?

Yes 40:13, 15; Ro 9:20, 21

Hwɛ Ro 11:33-36 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 4:29-35—Ɔhene Nebukadnesar behui sɛ Yehowa ne obi a ɔwɔ tumi paa a obiara ntumi nkyerɛ no nea ɔnyɛ

    • Yes 45:6-12—Yehowa kaa sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no, na ɔreyɛ ade a, ɔne obiara nni nkyerɛmu biara

Ɛwom sɛ Yehowa betumi ayɛ nea ɔpɛ biara, nanso nneɛma bɛn na ɔrenyɛ da?

Ahofadi a yɛwɔ no, adɛn nti na yɛrentumi mfa nyɛ nea yɛpɛ biara?

Adɛn nti na ɛtɔ da a ɛsɛ sɛ Kristoni dwen afoforo ho na ɔde nea ɔpɛ to nkyɛn?

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa asomfo wɔ ahofadi paa?

Yoh 8:31, 32; 2Ko 3:17

Hwɛ nea edidi so yi nso: Ga 2:4; 4:25, 26; 5:1

Adɛn nti na wɔn a wɔsom Yehowa no ani gye?

Dw 40:8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 18:3; Heb 11:8-10—Yehowa maa ne somfo Abraham anidaso, na ɛmaa no ahoɔden ma ɔsom Yehowa

    • Heb 11:24-26—Bere a Mose som Yehowa no, onyaa anigye, ahofadi, ne anidaso

Dɛn na Yehowa ama yɛade yɛn ho afi ho?

Ahofadi a yɛwɔ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ nea yɛpɛ?

Bere bɛn saa na ɔdɔ nti Kristoni de nea ɔpɛ bɛto nkyɛn?

Asɛmpa a yɛka no, sɛn na ɛboa nkurɔfo ma wɔnya ahofadi?

Ahofadi bɛn na Bible ka sɛ daakye yebenya?

Wɔn a wɔyɛ nea wɔpɛ no, adɛn nti na wɔyɛ nkoa?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ani so no, onipa biara nkyɛn ne yɔnko?