Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛhowdi

Awerɛhowdi

Nhwɛso bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi wu na yedi awerɛhow a ɛnyɛ bɔne?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ paa sɛ ɔkyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ?

Sɛ yehu tebea a awufo wom a, sɛn na ɛkyekye yɛn werɛ?

Ɔsɛ 9:5, 10; 1Te 4:13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 20:37, 38—Yesu kaa sɛ Onyankopɔn ani so de, awufo da so te ase, na ɛno ma yehu sɛ owusɔre no bɛba mu ɔkwan biara so

    • Yoh 11:5, 6, 11-14—Bere a Yesu adamfo Lasaro a ɔpɛ n’asɛm no wui no, Yesu de ne wu no totoo nna ho

    • Heb 2:14, 15—Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma owu ho hu kyekyere yɛn

Sɛ obi nya din pa na owu a, Bible se ne wuda ye sen n’awoda. Adɛn ntia?

Bible frɛ owu sɛn, na dɛn na ɛka sɛ Onyankopɔn de bɛyɛ owu?

Adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ owusɔre bɛba daakye?

Yes 26:19; Yoh 5:28, 29; Aso 24:15

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nnipa nkron na Bible ka sɛ wɔnyanee wɔn fii owu mu. Wɔn mu nwɔtwe de, wɔnyan bɛtenaa asaase so bio. Wɔn a wɔn biribi awu a wɔredi awerɛhow no, sɛ wɔkenkan saa nsɛm no mu biara a, ɛbɛkyekye wɔn werɛ na wɔanya daakye ho anidaso

      • 1Ah 17:17-24—Odiyifo Elia nyanee okunafo bi babarima wɔ Sarefat a ɛwɔ Sidon

      • 2Ah 4:32-37—Odiyifo Elisa nyanee abarimaa bi wɔ Sunem, na ɔsan de no maa n’awofo

      • 2Ah 13:20, 21—Bere a ɔbarima bi a na owui nkyɛe amu kaa odiyifo Elisa nnompe no, ɔbarima no nyanee

      • Lu 7:11-15—Bere a nkurɔfo bi rekosie okunafo bi babarima a wawu wɔ Nain no, Yesu gyinaa wɔn na onyanee aberante no

      • Lu 8:41, 42, 49-56—Yesu nyanee hyiadan mu panyin Yairo babea

      • Yoh 11:38-44—Yesu nyanee n’adamfo Lasaro a ɔpɛ n’asɛm no, na ɛmaa ne nua mmea Marta ne Maria ani gyei

      • Aso 9:36-42—Kristoni yamyefo a wɔfrɛ no Dorka wui no, ɔsomafo Petro nyanee no

      • Aso 20:7-12—Bere a aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko fi mfɛnsere ano bɛhwee fam wui no, ɔsomafo Paul nyanee no

    • Wɔnyanee Kristo kɔɔ soro sɛ honhom a ɔrenwu da; ɛno ma yɛn awerɛhyem sɛ nneɛma a yɛn ani da so nyinaa bɛba mu daakye

    • Yesu ne obi a odi kan a wɔnyanee no kɔɔ soro na onyaa nkwa a owu nnim, nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na onyaa saa wusɔre no; n’akyidifo 144,000 a wɔde honhom asra wɔn no nso wu a, wɔnyan wɔn kɔ saa wusɔre no mu

Wɔn a wɔn dɔfo bi awu ama wɔredi awerɛhow no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?