Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Koma

Koma

Dɛn na ɛma yehu sɛ, Bible ka koma a, ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, nea yedwinnwen ho, yɛn suban, ne sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho?

Dw 49:3; Mme 16:9; Lu 5:22; Aso 2:26

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 15:7; Dw 19:8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 9:46-48—Yesu hui sɛ, n’asuafo no ani bere dibea wɔ wɔn komam, enti otuu wɔn fo

Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban?

1Be 28:9; Mme 4:23; Yer 17:9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 6:5-7—Esiane sɛ na nnipa komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nti, wɔdii nsɛmmɔne, na ɛmaa Onyankopɔn de Nsuyiri baa asaase nyinaa so

    • 1Ah 11:1-10—Ɔhene Solomon ammɔ ne koma ho ban, enti ɔwaree aman foforo so mmea, na wɔdanee ne koma fii Yehowa ho

    • Mr 7:18-23—Yesu kaa sɛ, nneɛma a etumi gu nnipa ho fĩ wɔ Onyankopɔn ani so nyinaa, komam na efi

Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban?

Dw 19:14; Mme 3:3-6; Lu 21:34; Flp 4:8

Hwɛ nea edidi so yi nso: Esr 7:8-10; Dw 119:11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Efe 6:14-18; 1Te 5:8—Bere a ɔsomafo Paul reka honhom fam akode ho asɛm no, ɔkaa sɛ trenee, gyidi, ne ɔdɔ tumi bɔ yɛn koma ho ban, sɛnea nkatabo bɔ koma ankasa ho ban no

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn koma ho?

Mme 21:2-4; Heb 3:12

Hwɛ Mme 6:12-14 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 25:1, 2, 17-27—Ahyɛase no, Ɔhene Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nanso na ne koma nni mu, na ewiee ase no, ɔmaa ne ho so, na wanni nokware, na ɛkɔfaa ɔhaw bae

    • Mt 7:17-20—Yesu kaa sɛ, sɛnea dua bɔne sow aba bɔne no, nea ɛwɔ obi komam nso nye a, nneɛma bɔne na ɔbɛyɛ

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn komam tew, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Mme 10:8; 15:28; Lu 6:45

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 119:97, 104; Ro 12:9-16; 1Ti 1:5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 20:1-6—Bere bi a anka Ɔhene Hesekia rebewu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ sɛnea ɔde koma a edi mũ asom no, na onhu no mmɔbɔ

    • Mt 21:28-32—Yesu maa mfatoho de kyerɛe sɛ, nea obi yɛ no, ɛno na ɛkyerɛ nea ɛwɔ ne komam, ɛnyɛ nsɛm a ɔde n’ano ka

Adɛn nti na nim a yenim sɛ Yehowa hu nea ɛwɔ yɛn koma mu no ma yɛn ani gye?

1Be 28:9; Yer 17:10

Hwɛ 1Sa 2:3 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 16:1-13—Odiyifo Samuel behui sɛ Yehowa nhwɛ sɛnea obi te, ne tenten ne ne kɛse, na mmom nea ɛwɔ obi koma mu na ehia no

    • 2Be 6:28-31—Mpae a Ɔhene Solomon bɔe bere a wɔrehyira Yehowa asɔrefie no so no ma yehu sɛ Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn komam nyinaa, na ɔhwɛ ho boa yɛn