Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobrɛase

Ahobrɛase

Sɛn na Yehowa bu ahobrɛasefo ne ahantanfo?

Dw 138:6; Mme 15:25; 16:18, 19; 22:4; 1Pe 5:5

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 29:23; Yes 2:11, 12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 26:3-5, 16-21—Ɔhene Usia maa ne ho so; obuu Onyankopɔn mmara so, na bere a wɔde ho afotu maa no no, ne bo fuwii, na Onyankopɔn maa kwata yɛɛ no

    • Lu 18:9-14—Yesu de mfatoho kyerɛɛ sɛnea Yehowa bu ahantanfo ne ahobrɛasefo mpaebɔ

Sɛ obi yɛ bɔne na ɔbrɛ ne ho ase, na ofi komam nu ne ho a, dɛn na Yehowa yɛ?

2Be 7:13, 14; Dw 51:2-4, 17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 12:5-7—Esiane sɛ Ɔhene Rehoboam ne Yuda mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa nti, Yehowa ansɛe wɔn

    • 2Be 32:24-26—Hesekia a na ɔyɛ ɔhempa no maa ne ho so, nanso bere a ɔbrɛɛ ne ho ase no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no

Sɛn na ahobrɛase boa ma yɛne nkurɔfo tena yiye?

Efe 4:1, 2; Flp 2:3; Kol 3:12, 13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 33:3, 4—Ná Yakob ho abufuw hyɛ ne nua Esau mu, nanso bere a Yakob rekohyia no no, Yakob brɛɛ ne ho ase paa, enti ɛmaa asomdwoe baa wɔn ntam

    • Ate 8:1-3—Ɔtemmufo Gideon ahobrɛase nti, ɔka kyerɛɛ Efraim mmarima sɛ nea ɔyɛe no nto wɔn de no, na wei maa asomdwoe bae

Ɔkwan bɛn na Yesu Kristo faa so kyerɛɛ nea nti a ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

Mt 18:1-5; 23:11, 12; Mr 10:41-45

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yes 53:7; Flp 2:7, 8—Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu bɛbrɛ ne ho ase aba asaase yi so ama wɔagu n’anim ase akum no yayaayaw, na saa ara nso na ɔyɛe

    • Lu 14:7-11—Sɛnea na nkurɔfo hwehwɛ baabi pa tena wɔ apontow ase no, Yesu de yɛɛ mfatoho kyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase

    • Yoh 13:3-17—Yesu ankasa yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso maa n’akyidifo; ɔhohoroo n’asomafo no nan ho sɛnea akoa hohoro ne wura nan ho no

Sɛ yenya adwene a Yehowa wɔ wɔ yɛne afoforo ho no bi a, adɛn nti na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya ahobrɛase?

Adɛn nti na sɛ obi da kraman ahobrɛase adi a, mfaso biara nni so?