Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abrabɔ a Edi Mu

Abrabɔ a Edi Mu

Dɛn ne abrabɔ a edi mu?

Dw 18:23-25; 26:1, 2; 101:2-7; 119:1-3, 80

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Le 22:17-22—Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, sɛ wɔde aboa rebɛbɔ afɔre ama no a, wɔmfa nea “ɔte apɔw,” anaa nea dɛmdi biara nni ne ho. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔte apɔw” no, ne ntease reyɛ akɔyɛ sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘abrabɔ a edi mu’ no. Ɛno ma yehu sɛ obi a n’abrabɔ di mu no, ɔsom a ɔsom Yehowa no, ɛdɛm biara nni ho, kyerɛ sɛ, ɔde ne ho nyinaa ma Yehowa

    • Hio 1:1, 4, 5, 8; 2:3—Hiob asɛm no ma yehu sɛ, sɛ obi abrabɔ bedi mu a, ɛsɛ sɛ onya obu kɛse ma Yehowa, ofi ne koma nyinaa mu som no, na ɔtwe ne ho fi biribiara a Onyankopɔn kyi ho

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ di mu?

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn abrabɔ akɔ so adi mu?

1Be 29:17; Mme 2:7

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 27:11; 1Yo 5:3

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abrabɔ di mu bere nyinaa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Yos 24:14, 15; Dw 101:2-4

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 5:29; Yes 48:17, 18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 31:1-11, 16-33—Nea Hiob yɛe a ɛkyerɛ sɛ n’abrabɔ di mu ne sɛ, wamfa ne ho anhyɛ ɔbra fĩ mu, na onyaa obu maa nkurɔfo dii wɔn ni. Wamma nkekae biara amma ɔsom a ɔsom Yehowa no mu. Afei nso wansom onyame biara anka Yehowa ho, na wanni honam fam nneɛma akyi

    • Da 1:6-21—Ɛwom sɛ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn na na atwa Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no ho ahyia, nanso wɔkɔɔ so maa wɔn abrabɔ dii mu, na nneɛma bi te sɛ aduan a wɔbedi mpo, wɔyɛɛ ahwɛyiye wom

Sɛ obi di mfomso pii a, n’abrabɔ betumi asan adi mu bio anaa?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 9:2-5; Dw 78:70-72—Bɔne a Ɔhene Dawid yɛe nyinaa akyi no, onuu ne ho maa Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no, na akyiri yi Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ ɔde koma a edi mu som no

    • Yes 1:11-18—Yehowa kaa ne nkurɔfo ho asɛm sɛ wɔyɛ nyaatwom na bɔne ayɛ wɔn ma. Ne nyinaa akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔnu wɔn ho na wɔsesa wɔn akwan a, ɔbɛma wɔn ho atew