Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atorodi

Atorodi

Wɔn a wɔhyɛ bɔ a wɔnni so no, Yehowa hu wɔn sɛn?

Ro 1:31, 32

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 15:4; Mt 5:37

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 9:27, 28, 34, 35—Farao hyɛɛ bɔ sɛ obegyaa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔakɔ, nanso wanni ne bɔhyɛ so

    • Hes 17:11-15, 19, 20—Esiane sɛ Ɔhene Sedekia buu apam a ɔne Babilon hene yɛe no so, na wanni ntam a ɔkae no so nti, Yehowa twee n’aso

    • Aso 5:1-10—Anania ne Safira dii atoro; sika a wɔnyae bere a wɔtɔn wɔn asaase no, wɔde bi siei, ɛnna wɔdii atoro kae sɛ ne nyinaa na wɔde abrɛ asafo no

Wɔn a wɔkeka nkurɔfo ho nsɛmmɔne na wɔsɛe wɔn din no, sɛn na Yehowa hu wɔn?

Dw 15:1-3; Mme 6:16-19; 16:28; Kol 3:9

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 11:13; 1Ti 3:11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 16:1-4; 19:24-30—Ɔbarima nokwafo Mefiboset somfo Siba sɛee ne din

    • Adi 12:9, 10—Ɔbonsam, a nea ɛkyerɛ ne Dinsɛefo no, daa ɔtwa asɛm to Onyankopɔn asomfo so