Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahonyade Akyidi; Adedodowpɛ

Ahonyade Akyidi; Adedodowpɛ

Bible ka sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi benya sika ne ahonyade anaa?

Ɔsɛ 7:12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 3:11-14—Ɔhene Solomon ahobrɛase nti, Yehowa maa no ahonyade bebree

    • Hio 1:1-3, 8-10—Ná Hiob wɔ sika paa, nanso nea na ehia no kɛse ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn yiye

Sɛ obi nya sika ne ahonyade pii a, adɛn nti na ɛnkyerɛ sɛ n’ani begye anaa n’asom bedwo no?

Bere bɛn na ahonyade so remma yɛn mfaso biara?

Ɔhaw kɛse bɛn na sika ne ahonyade betumi akɔfa aba?

Ɔkwan bɛn so na ahonyade betumi adaadaa yɛn?

Mme 11:4, 18, 28; 18:11; Mt 13:22

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 8:18-24—Simon annwene nneɛma ho ankɔ akyiri, enti na osusuw sɛ obetumi de sika atɔ hokwan wɔ Kristofo asafo no mu

Sɛ yedi sika akyi a, dɛn na yebetumi ahwere?

Mt 6:19-21; Lu 17:31, 32

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mr 10:17-23—Osikani aberante bi maa n’ahonyade hiaa no sen biribiara, enti ɛmaa hokwan a anka obenya ne Yesu anantew no bɔɔ no

    • 1Ti 6:17-19—Ɔsomafo Paul bɔɔ Kristofo a wɔyɛ asikafo no kɔkɔ sɛ, mma wɔnnyɛ ahomaso, efisɛ wɔyɛ saa a, ebetumi ama wɔahwere Onyankopɔn anim dom

Sɛ yedi ahonyade akyi a, adɛn nti na ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw na yɛahwere Onyankopɔn anim dom?

De 8:10-14; Mme 28:20; 1Yo 2:15-17

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 52:6, 7; Am 3:12, 15; 6:4-8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 31:24, 25, 28—Hiob hui paa sɛ, mfomso wom sɛ ɔde ne werɛ bɛhyɛ sika mu, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ wapo Onyankopɔn

    • Lu 12:15-21—Yesu kaa osikani bi a ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam ho asɛm de bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ adedodowpɛ ho

Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani asɔ nea yɛwɔ?

Agyapade bɛn na ɛho hia kyɛn honam fam nneɛma, na dɛn nti na ɛte saa?

Mme 3:11, 13-18; 10:22; Mt 6:19-21

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hag 1:3-11—Sɛ́ anka Yehowa nkurɔfo bɛma n’asɔrefie kronkron a wɔresan asi no ahia wɔn no, wɔn ankasa afie a ɛbɛkɔ yiye ne ahotɔ a wɔbenya mmom na na wɔredwen ho. Wei nti, Yehowa nam odiyifo Hagai so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrennya honam fam nneɛma mfi ne hɔ

    • Adi 3:14-19—Yesu kaa Laodikea asafo no anim sɛ wɔmaa ahonyade a wɔbenya hiaa wɔn sen Onyankopɔn som

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa de honam fam nneɛma a yehia bɛma yɛn?