Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmɔborɔhunu

Mmɔborɔhunu

Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 51:1, 2—Bere a Ɔhene Dawid srɛɛ Yehowa sɛ onhu no mmɔbɔ no, na ɔpɛ sɛ Yehowa de ne bɔne kyɛ no, na ɔhohoro ne ho fi ne bɔne ho

    • Lu 10:29-37—Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ akwan a yɛbɛfa so ada mmɔborɔhunu adi; ná mfatoho no fa Samariani bi a ɔyɛɛ Yudani bi papa ho

Adɛn nti na nnipa nyinaa hia mmɔborɔhunu?

Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu?

Ex 34:6; Ne 9:17; Dw 103:8; 2Ko 1:3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 42:1, 2, 6-10; Yak 5:11—Yehowa huu Hiob mmɔbɔ, na ɔma ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔno nso hu afoforo mmɔbɔ

    • Lu 15:11-32—Yesu maa mfatoho bi a ɛma yehu sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu te; ɔkaa sɛ papa bi babarima tew atua, nanso akyiri yi onuu ne ho, na ne papa de ne bɔne kyɛɛ no

Adɛn nti na Yehowa hu yɛn mmɔbɔ?

Sɛn na Kristo afɔrebɔ no boa yɛn ma yetumi nya bɔnefakyɛ?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ onhu yɛn mmɔbɔ, na yɛkɔ so kyerɛ ne mmɔborɔhunu ho anisɔ?

Lu 11:2-4; Heb 4:16

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 51:1-4—Ɔhene Dawid bɔne a ɔyɛe nti, n’ahonim haw no ara ma ɔbotowee, enti ɔbrɛɛ ne ho ase srɛɛ Yehowa sɛ onhu no mmɔbɔ

    • Lu 18:9-14—Yesu maa mfatoho bi de sii so dua sɛ, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase gye wɔn mfomso tom no, wɔn na Yehowa hu wɔn mmɔbɔ

Adɛn nti na wɔn a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru mpo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu wɔn mmɔbɔ?

De 4:29-31; Yes 55:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 33:9-13, 15—Manase yɛ ɔhene a ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru, nanso bere a onuu ne ho a ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onhu no mmɔbɔ no, Yehowa san de no bɛtenaa n’ahengua so. Nea ɔyɛe wɔ ɛno akyi no ma yehu sɛ na wanu ne ho ampa

    • Yon 3:4-10—Ná amumɔyɛsɛm ne mogyahwiegu adidi Niniwefo ti, nanso wɔsakraa wɔn akwan, na Onyankopɔn huu wɔn mmɔbɔ

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hu yɛn mmɔbɔ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne na yɛsesa yɛn suban?

Sɛ Yehowa hu yɛn mmɔbɔ a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛafa yɛn ho adi a bɔne no ho nsunsuanso anaa ɛho asotwe biara remma yɛn so

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu nkurɔfo mmɔbɔ?

Sɛ yɛanhu nkurɔfo mmɔbɔ a, ɛbɛka yɛne Yehowa ntam ayɔnkofa no sɛn?

Mt 9:13; 23:23; Yak 2:13

Hwɛ Mme 21:13 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 18:23-35—Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ sɛ, sɛ obi anhu nkurɔfo mmɔbɔ a, Yehowa nso renhu no mmɔbɔ

    • Lu 10:29-37—Mfatoho bi a ɛfa Samariani mmɔborɔhunufo ho no ma yehu sɛ, sɛ obi anhu nkurɔfo mmɔbɔ a, Yehowa ne Yesu nyinaa ani nnye ne ho; obi a ɔte sɛ Samariani mmɔborɔhunufo no na wɔn ani gye ne ho

Wɔn a wɔhu nkurɔfo mmɔbɔ no, dɛn na Yehowa nso yɛ wɔn?