Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Odwo

Odwo

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwo?

Mt 11:28, 29; Yoh 14:9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 19:12—Bere a odiyifo Elia botowee no, Yehowa de “ɛnne bi kasae brɛoo” kyerɛɛ no

    • Yon 3:10–4:11—Ɛwom sɛ Yona de abufuw kasa kyerɛɛ Yehowa, nanso Yehowa fi odwo mu kyerɛɛ odiyifo no biribi faa mmɔborɔhunu ho

Yɛbɛyɛ dɛn ada odwo adi?

Mme 15:1; Efe 4:1-3; Tit 3:2; Yak 3:13, 17; 1Pe 3:15

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nu 11:26-29—Bere a ebinom yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo no, Yosua ka kyerɛɛ odiyifo Mose sɛ ɔmma wɔnnyae, nanso Mose amfa ne ti annye, efisɛ na odwo

    • Ate 8:1-3—Bere a ebinom kɔkaa Ɔtemmufo Gideon ntɔkwaw no, Gideon fi odwo mu ne wɔn kasae, na ɛmaa wɔn bo dwoe