Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Obi Ne Yɛn Anni No Yiye

Bere a Obi Ne Yɛn Anni No Yiye

Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, sɛn na ebetumi ama yɛate nka?

Dw 69:20; Mme 18:14; 4:1-3; Mal 2:13-16; Kol 3:21

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 10:1-5—Bere a atamfo guu Ɔhene Dawid asraafo no bi anim ase pɔtɔɔ no, ɛwom sɛ na wɔmpirae de, nanso Dawid daa ayamye soronko adi kyerɛɛ wɔn

    • 2Sa 13:6-19—Bere a Amnon too Tamar mmonnaa na ɔsan pamoo no kaa ho no, Tamar sui, na osuan n’ataade mu

Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hu ne nyinaa, na dɛn na ɔbɛyɛ wɔ ho?

Hio 34:21, 22; Dw 37:8, 9; Yes 29:15, 19-21; Ro 12:17-21

Hwɛ Dw 63:6, 7 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 25:3, 14-17, 21, 32-38—Nabal a ne tirim yɛ den na n’ano yɛ yaw no didii Dawid atɛm, na ɛde n’abusua nkwa too asiane mu; wei nti Yehowa bɔɔ no kum no

    • Yer 20:1-6, 9, 11-13—Bere a ɔsɔfo bi a ne din de Pasur bɔɔ odiyifo Yeremia na ɔde no bɔɔ dua mu no, ahyɛase no Yeremia abam bui, nanso Yehowa hyɛɛ no nkuran, na ogyee no