Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osetie

Osetie

Dɛn na ɛma yehu sɛ osetie ho hia paa?

Ex 19:5; De 10:12, 13; Ɔsɛ 12:13; Yak 1:22

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 15:17-23—Bere a Ɔhene Saul yɛɛ asoɔden tiaa Yehowa no, odiyifo Samuel kaa n’anim, na ɔmaa Saul huu sɛ obi ntumi mfa osetie nni agorɔ mfa ne ho nni

    • Heb 5:7-10—Dedaadaw nyinaa na Yesu yɛ osetie ma n’Agya Nyankopɔn, nanso bere a ɔbaa asaase so no, osuaa sɛnea ɔbɛyɛ osetie bere a nkurɔfo tan n’ani

Sɛ wiase atumfoɔ bi ka kyerɛ Kristoni bi sɛ ɔnto Onyankopɔn mmara a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Aso 5:29

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 3:13-18—Ɛmfa ho sɛ wɔde owu hunahunaa Hebrifo anokwafo mmiɛnsa bi no, wɔampene so ankotow Ɔhene Nebukadnesar honi no

    • Mt 22:15-22—Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ osetie mma wiase atumfoɔ, gye sɛ wɔka sɛ wɔnyɛ biribi a etia Yehowa Nyankopɔn mmara

    • Aso 4:18-31—Bere a atumfoɔ no baraa asomafo no sɛ mma wɔnnka asɛm no bio no, wɔannyae; mmom wɔde akokoduru kɔɔ so kaa asɛm no

Sɛ yebetumi ayɛ osetie ama Yehowa bere nyinaa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

De 6:1-5; Dw 112:1; 1Yo 5:2, 3

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 119:11, 112; Ro 6:17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Esr 7:7-10—Ɔsɔfo nokwafo Esra siesiee ne koma sɛnea ɛbɛyɛ a obedi Onyankopɔn Mmara so, na ɔde Mmara no akyerɛkyerɛ afoforo; ná ɛno bɛyɛ nhwɛso ama afoforo

    • Yoh 14:31—Yesu kaa sɛ nea Agya no ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɛno ara na ɔyɛ, na ɔkyerɛɛ nea enti a ɔyɛ saa

Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yetie Yehowa ne Yesu?

Sɛ yɛyɛ osetie a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Yɛyɛ dɛn hu saa?

Ro 1:5; 10:16, 17; Yak 2:20-23

Hwɛ De 9:23 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 6:9-22; Heb 11:7—Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, “ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ”; wei kyerɛ sɛ na Noa wɔ gyidi

    • Heb 11:8, 9, 17—Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ omfi Ur no, otiei, na bere a ɔkaa sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre no nso, otiei; ɛno kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi

Wɔn a wɔtie Yehowa no, nhyira bɛn na ɔde ahyɛ wɔn bɔ?

Yer 7:23; Mt 7:21; 1Yo 3:22

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

Sɛ yɛyɛ asoɔden a, dɛn na ɛkɔfa ba?

Ro 5:19; 2Te 1:8, 9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 2:16, 17; 3:17-19—Esiane sɛ Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden nti, Paradise fii wɔn nsa, wɔanyɛ pɛ bio, na daa nkwa nso bɔɔ wɔn

    • De 18:18, 19; Aso 3:12, 18, 22, 23—Yehowa ka too hɔ sɛ, odiyifo bi a ɔsen Mose bɛba, na ɔka kaa ho sɛ, obiara a wantie saa odiyifo no, ɔbɛtwe n’aso

    • Yuda 6, 7—Abɔfo atuatewfo no ne Sodom ne Gomorafo asoɔden nti, Yehowa bo fuwii paa

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yesu Kristo?

Ge 49:10; Mt 28:18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

Adɛn nti na Kristofo yɛ osetie ma ahwɛfo a ɛwɔ asafo no mu?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni bea brɛ ne ho ase ma ne kunu?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo?

Mme 23:22; Efe 6:1; Kol 3:20

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 37:3, 4, 8, 11-13, 18—Bere a Yosef yɛ aberante no, na onim sɛ ne nuanom tan no, nanso bere a ne papa somaa no wɔn nkyɛn no, ɔkɔe

    • Lu 2:51—Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɛwom sɛ na ɔnyɛ bɔne de, nanso ɔkɔɔ so tiee n’awofo Yosef ne Maria a bɔne wɔ wɔn ho no

Sɛ yɛwɔ adwuma mu na obiara nni hɔ mpo a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yedi adwuma mmara so?

Adɛn nti na Kristofo yɛ osetie ma aban?