Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahwɛfo; Asafo Mu Mpanyimfo

Ahwɛfo; Asafo Mu Mpanyimfo

Ansa na wɔbɛpaw obi sɛ ɔhwɛfo anaa asafo mu panyin wɔ Kristofo asafo no mu no, dɛn na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔhu wɔ ne ho?

Nneɛma bɛn bio na ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu bɔ mu mmɔden?

Ansa na wɔbɛpaw obi sɛ asafo mu somfo wɔ Kristofo asafo no mu no, dɛn na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔhu wɔ ne ho?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn honhom na ɛboa ma wɔpaw asafo mu mpanyimfo?

Aso 20:28

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 13:2-5; 14:23—Paul ne Barnaba a na wɔyɛ ahwɛfo akwantufo no paw anuanom ma wɔsomee sɛ mpanyimfo wɔ nsafo no mu. Ɛnnɛ nso, saa ara na amansin so ahwɛfo yɛ; wɔbɔ mpae srɛ honhom kronkron, na wɔhwehwɛ Bible a efi Onyankopɔn honhom mu no mu yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu nea ɛma obi fata sɛ wɔpaw no asafo mu panyin

    • Tit 1:1, 5—Wɔmaa Tito tutuu akwan kɔɔ nsafo ahorow mu, na ɔpaw asafo mu mpanyimfo

Kristofo asafo no, ɛyɛ hena dea, na dɛn na wɔde tɔe?

Adɛn nti na Bible ka sɛ ahwɛfo anaa asafo mu mpanyimfo som afoforo anaa wɔyɛ asomfo?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kɔ so brɛ wɔn ho ase?

Flp 1:1; 2:5-8; 1Te 2:6-8; 1Pe 5:1-3, 5, 6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 20:17, 31-38—Ɔsomafo Paul kaee asafo mu mpanyimfo a wɔfi Efeso no nea wayɛ ama wɔn, na wɔn nso daa no ase sɛ oyii ne yam dɔɔ wɔn

Sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de akwankyerɛ ma a, sɛn na asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yɛ wɔn ade wɔ ho?

Dɛn ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo fa so kyerɛkyerɛ afoforo?

1Ti 4:12; 1Pe 5:2, 3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ne 5:14-16—Esiane sɛ na Amrado Nehemia bu Yehowa na osuro no nti, wamfa ne tumi anhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, na nea ɛfata no sɛ amrado no mpo, wannye amfi wɔn hɔ

    • Yoh 13:12-15—Yesu brɛɛ ne ho ase de kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn nso brɛ wɔn ho ase

Dɛn na ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yɛ de kyerɛ sɛ wɔdwen asafo no muni biara ho?

Wɔn a wɔyare wɔ honhom fam no, dɛn na asafo mu mpanyimfo yɛ de boa wɔn?

Sɛ asafo mu panyin bi rekyerɛkyerɛ a, dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma asafo no mufo abrabɔ a ɛho bɛtew ho hia wɔn paa?

Ntetee bɛn na asafo mu mpanyimfo de rema anuanom?

2Ti 2:1, 2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 10:5-20—Yesu tetee n’asomafo 12 no ansa na ɔresoma wɔn akɔyɛ asɛnka adwuma no

    • Lu 10:1-11—Yesu too ne bo kyerɛɛ n’asuafo 70 nea wɔnyɛ ne nea wɔnka ansa na ɔresoma wɔn akɔyɛ asɛnka adwuma no

Nnwuma a egu asafo mu mpanyimfo so no, dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ ne nyinaa?

1Pe 5:1, 7

Hwɛ Mme 3:5, 6 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 3:9-12—Ɔhene Solomon srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no nhumu ne ntease a ɔde bebu Yehowa nkurɔfo atɛn

    • 2Be 19:4-7—Ɔhene Yehosafat paw atemmufo wɔ Yuda nkurow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, adwuma kɛse a ɛda wɔn so no, Yehowa bɛboa wɔn ama wɔayɛ

Sɛn na ɛsɛ sɛ asafo no mufo hu ahwɛfo anokwafo?

1Te 5:12, 13; 1Ti 5:17; Heb 13:7, 17

Hwɛ Efe 4:8, 11, 12 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 20:37—Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no amfɛre sɛ wɔbɛma ɔsomafo Paul ahu sɛ wɔdɔ no

    • Aso 28:14-16—Bere a ɔsomafo Paul nam kwan so rekɔ Roma no, anuanom a wɔwɔ Roma no twaa bɛyɛ kilomita 65 behyiaa no wɔ Apia Gua so; nea wɔyɛe no hyɛɛ no nkuran paa