Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpaebɔ

Mpaebɔ

Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛbɔ mpae a Yehowa tie, na ɔyɛ ho biribi?

Dw 65:2; 145:18; 1Yo 5:14

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 66:19; Aso 10:31; Heb 5:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 18:36-38—Bere a Elia ne Baal adiyifo no hyiae wɔ Karmel Bepɔw so a ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa nkyerɛ ne tumi no, ntɛmpa ara na Yehowa yɛɛ ho biribi

    • Mt 7:7-11—Yesu kaa sɛ yɛnkɔ so mmɔ mpae, na ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no betie yɛn

Hena nko ara na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ no mpae?

Hena din mu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

Henanom na Yehowa tie wɔn mpaebɔ?

Henanom na Yehowa ntie wɔn mpaebɔ?

Mme 15:29; 28:9; Yes 1:15; Mik 3:4; Yak 4:3; 1Pe 3:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yos 24:9, 10—Baalam bɔɔ mpae srɛɛ biribi a Yehowa ani nnye ho, enti Onyankopɔn antie no

    • Yes 1:15-17—Esiane sɛ na Yehowa nkurɔfo yɛ nyaatwom na wɔdi mogya ho fɔ nti, Yehowa antie wɔn mpaebɔ

Yɛrebɔ mpae a, dɛn na yɛka de wie mpae no, na adɛn ntia?

Bible ka sɛ yɛrebɔ mpae a, gye sɛ yegyina hɔ, yɛkotow, anaa yɛyɛ biribi saa anaa?

Sɛ Yehowa asomfo hyiam sɛ wɔresom no a, dɛn ne dɛn na wɔbetumi abɔ ho mpae?

Aso 4:23, 24; 12:5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Be 29:10-19—Bere a Israel asafo no de nneɛma bae sɛ wɔde rebɛboa ama wɔasi asɔrefie no, Ɔhene Dawid dii wɔn anim bɔɔ mpae

    • Aso 1:12-14—Asomafo no, Yesu nua mmarima, Yesu maame Maria, ne mmea anokwafo foforo hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem, na wɔboom bɔɔ mpae

Adɛn nti na obi rebɔ mpae a, ɛnsɛ sɛ ɔma ne ho so anaa ɔyɛ biribi de twe adwene ba ɔno ara ne so?

Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛadidi?

Hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ yɛn soro Agya no mpae no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase?

Ro 12:12; Efe 6:18; 1Te 5:17; 1Pe 4:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 6:6-10—Odiyifo Daniel kɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae maa obiara huu no, bere mpo a wɔde owu hunahunaa no no

    • Lu 18:1-8—Yesu maa mfatoho bi faa ɔtemmufo bi a ɔnteɛ ho, na ɔkaa sɛ, esiane sɛ ɔbea no kɔɔ so ara srɛɛ ɔtemmufo no nti, obuu atɛntrenee maa no. Mfatoho no ma yehu sɛ, yɛn Agya Yehowa a ɔyɛ ɔtreneeni no, sɛ ne nkurɔfo kɔ so bɔ no mpae a, ɔyɛ ntɛm tie wɔn

Sɛ yɛrebɔ mpae asrɛ Onyankopɔn hɔ bɔnefakyɛ a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

2Be 7:13, 14

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 22:11-13, 18-20—Ɔhene Yosia brɛɛ ne ho ase, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ, enti Yehowa daa ayamye ne mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ no

    • 2Be 33:10-13—Ɔhene Manase brɛɛ ne ho ase bɔɔ Yehowa mpae, na ɛno nti, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no, na ɔsan de n’ahenni maa no

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Sɛ yɛrebɔ Onyankopɔn mpae a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ohu sɛ, yɛpɛ sɛ n’apɛde yɛ hɔ?

Sɛ yɛrebɔ yɛn soro Agya no mpae a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ohu sɛ yegye no di?

Nneɛma bɛn na ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae?

Onyankopɔn din ho a ɛbɛtew

Onyankopɔn Ahenni a ebedi asaase nyinaa so

Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ

Honam fam nneɛma a yehia

Bɔnefakyɛ

Onyankopɔn mmoa yɛn, na yɛankɔ sɔhwɛ mu

Yebetumi ada Onyankopɔn ase

Yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yenhu n’apɛde, ɔmma yɛn ntease, na ɔmma yɛn nyansa

Mme 2:3-6; Flp 1:9; Yak 1:5

Hwɛ Dw 119:34 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 3:11, 12—Bere a Ɔhene Solomon srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no nyansa no, Yehowa ani gyee ho, na ɔmaa no nyansa pii

Yebetumi abɔ mpae asrɛ honhom kronkron

Yebetumi abɔ mpae ama yɛn nuanom Kristofo, titiriw wɔn a nkurɔfo retan wɔn ani

Yebetumi abɔ mpae ayi Yehowa ayɛ

Dw 86:12; Yes 25:1; Da 2:23

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 10:21—Yesu yii ne papa ayɛ wɔ baguam sɛ ɔmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase huu nokware no

    • Adi 4:9-11—Yehowa abusua a wɔwɔ soro no de nidi ne anuonyam a ɛfata ma no

Yebetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ, ɔnka atumfoɔ koma na wɔmma yɛnkɔ so nka asɛmpa no, na yɛnsom no asomdwoe mu

Ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛbɔ mpae bere a wɔrebɔ yɛn asu anaa?

Ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛbɔ mpae ama wɔn a wɔyare wɔ honhom mu anaa?

Adɛn nti na mmarima rebɔ mpae a, ɛyɛ a wɔnkata wɔn ti, nanso ɛtɔ da a mmea kata wɔn ti bere a wɔrebɔ mpae?

Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn na ehia Onyankopɔn sen sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ ayɛ tenten anaa emu apiw?

Kwa 3:41; Mt 6:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 18:25-29, 36-39—Bere a Elia kaa sɛ Baal adiyifo no mfrɛ wɔn nyame no, wɔsu frɛɛ no nnɔnhwerew pii nanso ankosi aga

    • Aso 19:32-41—Abosonsomfo a ɛwɔ Efeso no teɛteɛɛm frɛɛ wɔn nyamebea Artemi nnɔnhwerew mmienu, nanso nea esii ara ne sɛ, kurow no kyerɛwfo betwiw wɔn anim sɛ wɔnnyae basabasa a wɔreyɛ no