Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛnka Adwuma

Asɛnka Adwuma

Adɛn nti na nokware Kristofo nyinaa ka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo?

Dɛn na ɛma yehu sɛ na asɛnka adwuma no hia Yesu paa?

Lu 8:1; Yoh 18:37

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 4:42-44—Yesu kaa sɛ, asɛnka adwuma no nti na wɔsomaa no baa asaase so

    • Yoh 4:31-34—Yesu kyerɛɛ mu sɛ, asɛnka adwuma no te sɛ aduan ma no

Mmarima a wɔwɔ hokwan wɔ asafo no mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no anaa?

Dw 68:11; 148:12, 13; Aso 2:17, 18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 5:1-4, 13, 14, 17—Israelni abeawa kumaa bi kaa Yehowa diyifo Elisa ho asɛm kyerɛɛ ne maame a na ɔne no te wɔ Siria no

    • Mt 21:15, 16—Bere a mmarimaa bi kamfoo Yesu wɔ asɔrefie hɔ no, asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no ani annye ho, nanso Yesu maa wɔhui sɛ adwene a wɔkura no nye

Sɛn na asafo mu mpanyimfo betumi akyerɛkyerɛ wɔn nuanom Kristofo, na wɔaboa wɔn ama wɔaka asɛmpa no?

Sɛn na Yehowa ne Yesu boa yɛn ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no?

2Ko 4:7; Flp 4:13; 2Ti 4:17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 16:12, 22-24; 1Te 2:1, 2—Ɛwom sɛ nkurɔfo tan ɔsomafo Paul ne wɔn a wɔka ne ho no ani, nanso Onyankopɔn boaa wɔn ma wɔkɔɔ so de akokoduru kaa asɛmpa no

    • 2Ko 12:7-9—“Ɔhonam mu nsɔe” bi a ebetumi aba sɛ ɛyɛ yare teetee ɔsomafo Paul a ɔde nsi kaa asɛmpa no, nanso Yehowa hyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so kae

Dɛn na ɛma Kristoni fata sɛ ɔka asɛmpa no?

1Ko 1:26-28; 2Ko 3:5; 4:13

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yoh 7:15—Ná ɛyɛ Yesu kuromfo nwanwa sɛ Yesu ankɔ Rabifo sukuu biara nanso ɔwɔ nimdeɛ saa

    • Aso 4:13—Ná nkurɔfo hu Yesu asomafo no sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara; nanso na asomafo no de nsi ka asɛmpa no akokoduru so

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛtete afoforo ma wɔn nso ka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo?

Mr 1:17; Lu 8:1; Efe 4:11, 12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yes 50:4, 5—Ansa na Mesia no reba asaase so no, Yehowa Nyankopɔn ankasa tetee no

    • Mt 10:5-7—Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔtoo ne bo ase tetee n’asuafo no ma wɔkaa asɛmpa no

Asɛmpaka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu no?

Sɛ Kristoni yɛ asɛnka adwuma no a, sɛn na ɔte nka?

Sɛ yɛkɔ asɛnka a, dɛn ne dɛn na yɛka ho asɛm?

Adɛn nti na Kristofo pa atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama?

2Ko 10:4, 5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mr 12:18-27—Yesu ne Sadukifo no susuw Kyerɛwnsɛm no ho ma wɔhui sɛ, ɛmfa kwan mu sɛ wɔnnye owusɔre nni

    • Aso 17:16, 17, 29, 30—Ɔsomafo Paul ne Atenefo no susuw Kyerɛwnsɛm no ho ma wɔhui sɛ abosonsom yɛ bɔne

Asɛnka adwuma no, yɛyɛ no sɛn?

Adɛn nti na yedi adanse wɔ baguam?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ yehia abotare ne animia na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no?

Sɛ yɛka asɛmpa no a, adepa bɛn na efi mu ba?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ, hokwan biara a yebenya no, yɛde bedi adanse?

1Ko 9:23; 1Ti 2:4; 1Pe 3:15

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yoh 4:6, 7, 13, 14—Ɛwom sɛ na Yesu abrɛ, nanso ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea bi wɔ abura bi ho

    • Flp 1:12-14—Ɔsomafo Paul gyidi nti wɔde no too afiase, nanso hokwan biara a onyae no, ɔde dii adanse, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obiara betie asɛmpa a yɛka no anaa?

Yoh 10:25, 26; 15:18-20; Aso 28:23-28

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yer 7:23-26—Yehowa nam Yeremia so kaa sɛ ne nkurɔfo sisii wɔn aso na wɔantie n’adiyifo no

    • Mt 13:10-16—Yesu kyerɛɛ mu sɛ, sɛnea nkurɔfo tee Yesaia asɛm nanso wɔanyɛ ho hwee no, saa ara na ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so

Sɛ nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no mu pii ka sɛ wɔnni adaagye a, adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwanwa?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ, ebinom te asɛmpa no a wɔn ani begye ho, nanso akyiri yi wɔbɛto wɔn adwene mu?

Henanom nhwɛso na ɛboa yɛn na sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn wɔ asɛnka mu a, anyɛ yɛn nwanwa?

Sɛ nkurɔfo sɔre tia asɛnka adwuma no a, dɛn na yɛyɛ?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a, ebinom betie asɛmpa a yɛka no?

Asɛde a emu yɛ duru bɛn na Onyankopɔn de ama obiara a ɔka asɛmpa no?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔfi aman, mmusuakuw, ne ɔsom biara mu?

Adɛn nti na asɛm biara nni ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no da biara, sɛ ɛyɛ Homeda mpo a?

Henanom nhwɛso na ɛboa yɛn ma yehu sɛ, ɛyɛ papa sɛ yɛka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔwɔ Bible, wɔn a wɔwɔ ɔsom bi mu, ne obi foforo biara?