Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwensakra

Adwensakra

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa sakra fi wɔn bɔne ho na wɔsrɛ Yehowa hɔ bɔnefakyɛ?

Ro 3:23; 5:12; 1Yo 1:8

Hwɛ Aso 26:20 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 18:9-14—Yesu maa mfatoho bi de kyerɛe sɛ, ehia sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn

    • Ro 7:15-25—Ná Paul yɛ ɔsomafo a ne gyidi yɛ den, nanso na ɛsɛ sɛ ɔko tia akɔnnɔ bɔne; wei haw no paa

Sɛnea Bible ma yehu no, sɛ obi sakra fi ne bɔne ho a, Yehowa te nka sɛn wɔ ne ho?

Hes 33:11; Ro 2:4; 2Pe 3:9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 15:1-10—Yesu maa mfatoho ahorow a ɛma yehu sɛ, sɛ ɔbɔnefo sakra n’adwene a, Yehowa ne abɔfo no ani gye

    • Lu 19:1-10—Ná Sakeo yɛ wɔn a wɔgyigye tow no mpanyimfo no baako, na na osisi nkurɔfo. Bere a onuu ne ho na ɔsesaa n’akwan no, wɔde ne bɔne kyɛɛ no, na onyaa nkwagye

Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ankasa?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ obi a wanu ne ho paa nya nimdeɛ a edi mu?

Ro 12:2; Kol 3:9, 10; 2Ti 2:25

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 17:29-31—Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Atenefo sɛ, obi som bosom a, ɛkyerɛ sɛ onnim nea ɔreyɛ, enti ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene

    • 1Ti 1:12-15—Ansa na ɔsomafo Paul rebenya Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ no, odii bɔne akɛse

Dɛn na ɛma yehu sɛ adwensakra ho hia paa?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne mpɛn pii mpo na yenu yɛn ho a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn?

Wɔn a wɔka wɔn bɔne na wɔsesa wɔn abrabɔ no, dɛn na Yehowa yɛ ma wɔn?

Sɛ obi yɛ bɔne na sɛ ɛhaw no anaa ogye tom sɛ wanyɛ no yiye a, ɛno nko ara kyerɛ sɛ wanya adwensakra anaa?

2Be 7:14; Mme 28:13; Hes 18:30, 31; 33:14-16; Mt 3:8; Aso 3:19; 26:20

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 33:1-6, 10-16—Ɔhene Manase dii bɔne kyɛe, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase paa, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae daa, na ɔsakraa n’akwan; wei ma ɛdaa adi sɛ wanu ne ho ampa

    • Dw 32:1-6; 51:1-4, 17—Bere a Ɔhene Dawid yɛɛ Yehowa bɔne no, onuu ne ho paa, ɔkaa ne bɔne, na ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa mfa nkyɛ no; wei kyerɛ sɛ na wanya adwensakra

Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na onu ne ho a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ no?