Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebesiesie Nsɛmnsɛm

Sɛnea Yebesiesie Nsɛmnsɛm

Sɛ obi fom yɛn a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw anaa yɛyɛ no bi tua ka?

Mme 20:22; 24:29; Ro 12:17, 18; Yak 1:19, 20; 1Pe 3:8, 9

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 25:9-13, 23-35—Bere a Nabal didii Dawid ne ne mmarima no atɛm na wamma wɔn nea wɔhia no, nea ɛbaa Dawid mu ara ne sɛ obekum Nabal ne ne fie mmarima nyinaa, nanso afotu pa a Abigail de maa Dawid nti, wanka mogya angu

    • Mme 24:17-20—Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛw sɛ Onyankopɔn ani nnye ho sɛ ne nkurɔfo bedi ahurusi bere a wɔn atamfo ahwe ase; yegyaw ma Yehowa sɛ onni mma yɛn

Sɛ Kristoni bi ne obi nya asɛm a, ɛsɛ sɛ ɔde hyɛ ne mu anaa ɔka sɛ ɔne no renkasa bio?

Le 19:17, 18; 1Ko 13:4, 5; Efe 4:26

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 5:23, 24—Yesu kyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛn nua bi wɔ asɛm tia yɛn a, yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nsiesie yɛne ne ntam mma asomdwoe mmra

Sɛ obi fom yɛn a, dɛn paa na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ?

Sɛ obi fom yɛn mpɛn pii mpo na sɛ onu ne ho a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ no?

Sɛ obi sɛe yɛn din, ɔbɔ yɛn apoo, anaa ɔyɛ yɛn bɔne bi a emu yɛ duru saa, na sɛ ɛyɛ den sɛ yebegyae ama aka a, hena na ɛsɛ sɛ ɔne ɔbɔnefo no kɔkasa, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɔde si n’ani so?

Mt 18:15

Hwɛ Yak 5:20 nso

Sɛ obi sɛe yɛn din anaa ɔbɔ yɛn apoo na sɛ yɛne ɔno nko ara kɔka na anyɛ yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?