Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔne

Bɔne

Dɛn ne bɔne, na adɛn nti na yɛn nyinaa yɛ abɔnefo?

Sɛn na Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, akɔnnɔ bɔne a ɛma yɛyɛ bɔne no, yebetumi ako atia?

Ro 6:12-14

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 11:2-5, 14, 15, 26, 27; 12:1-13—Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne ahorow a emu yɛ duru, na Yehowa twee n’aso paa; Dawid bɔɔ mmɔden sesaa n’akwan, na ɛno kyerɛ sɛ na wanu ne ho

    • Ro 7:15-24—Ná ɔsomafo Paul gyidi yɛ den, na na ɔsom Yehowa yiye, nanso ɔkyerɛɛ mu sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yi adwemmɔne fi ne tirim na ɔko tia akɔnnɔ bɔne

Sɛn na nimdeɛ a nkurɔfo pii nni ne nnaadaasɛm a wɔgye di no ma wɔyɛ bɔne?

Adɛn nti na sɛ obi hyɛ da tena bɔne mu a, ɛyɛ aniberesɛm paa?

Dɛn na Satan betumi de asɔ Onyankopɔn asomfo ahwɛ ama wayɛ bɔne?

Mme 1:10, 11, 15; Mt 5:28; Yak 1:14, 15

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 3:1-6—Satan nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa; ɔmaa Hawa kɔn dɔe sɛ ɔbɛyɛ nea ɔno ara pɛ, na wei maa gyidi a Hawa wɔ wɔ Yehowa mu no brɛɛ ase

    • Mme 7:6-10, 21-23—Ɔhene Solomon kyerɛɛ sɛnea aberante bi a onnim nyansa gyaagyaa ne ho maa tuutuuni bea bi

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Satan sɔ yɛn hwɛ a, annya yɛn?

Efe 4:27; 6:10-18; Yak 4:7, 8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 5:1-14—Ɔhene Solomon tuu yɛn fo sɛnea agya tu ne ba fo no; ɔkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, ɛne nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatwe yɛn ho afi ho

    • Mt 4:1-11—Yesu atwa sa pa ato hɔ ama yɛn. Bere a Satan faa nyansakwan so sɔɔ no hwɛe no, ɔde ne ho too Onyankopɔn Asɛm so, enti Satan annya no

Bɔne a emu yɛ duru bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔanyɛ bi?

Hwɛ “Nneɛma Bɔne” nso

Ka wo bɔne

Yɛyɛ bɔne a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde sie?

Hena na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne nyinaa kyerɛ no?

Hena na ɔyɛ “ɔboafo” a ɔka bi ma yɛn wɔ Yehowa anim?

Sɛ obi ayɛ bɔne a, obetumi de ne nneyɛe akyerɛ sɛ wanu ne ho anaa?

Aso 26:20; Yak 4:8-10

Hwɛ “Adwensakra” nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 22:1-12—Mose Mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkorɔmfo pata nea owiaa n’ade no, na ɔhyɛ no ananmu

    • Lu 19:8, 9—Sakeo a na ɔyɛ wɔn a wɔgyigye tow no mpanyimfo baako sesaa n’akwan, na biribiara a osisii nkurɔfo gyei no, ɔbɔɔ ho maa wɔn; nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ, na wanu ne ho

Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn?

Hwɛ “Bɔnefakyɛ” nso

Nhyehyɛe bɛn na Yehowa ayɛ na sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, onipa no anya mmoa, na abɔ asafo no ho ban?

Yak 5:14, 15

Hwɛ nea edidi so yi nso: Aso 20:28; Ga 6:1

Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, sɛn na ebetumi aka afoforo wɔ n’abusua mu ne asafo no mu?

Heb 12:15, 16

Hwɛ De 29:18 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yos 7:1-13, 20-26—Akan yɛɛ bɔne a emu yɛ duru, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so; nea ɔyɛe no de mmusu baa Israel man no so

    • Yon 1:1-16—Esiane sɛ odiyifo Yona tew Yehowa so atua nti, ɔde wɔn a wɔka ne ho wɔ po so hyɛn no mu nyinaa nkwa too asiane mu

    • 1Ko 5:1-7—Ɔsomafo Paul ma ɛdaa adi sɛ, na bɔne a emu yɛ duru rekɔ so wɔ Korinto asafo no mu, na na ɛrenya asafo no nyinaa so nsunsuanso bɔne

Sɛ yɛyɛ bɔne a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛkɔ mpanyimfo nkyɛn ama wɔaboa yɛn?

Sɛ bere bi a atwam no yɛyɛɛ bɔne a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Onyankopɔn de akyɛ yɛn, sen sɛ yɛbɛkɔ so ara adi ho awerɛhow?

Hwɛ “Bɔnefakyɛ” nso

Sɛ yenim sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔka kyerɛ asafo mu mpanyimfo?

Le 5:1

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 13:6-9; 21:18-20—Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi busuani anaa obi a ɔdɔ no yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ onii a wate ho asɛm no kɔka kyerɛ mpanyimfo no