Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua

Adesua

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni sua Onyankopɔn Asɛm da biara?

Dw 1:1-3; Mme 18:15; 1Ti 4:6; 2Ti 2:15

Hwɛ Aso 17:11 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 119:97-101—Onyankopɔn honhom kaa odwontofo no ma ɔkaa sɛ ɔdɔ Onyankopɔn mmara, na ɔde bɔ ne bra a ɛboa no

    • Da 9:1-3, ase hɔ asɛm—Bere a Daniel suaa nhoma kronkron no, ohui sɛ mfe 70 a Israelfo bedi wɔ Babilon no, ɛrenkyɛ na aba awiei

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua ade?

Heb 6:1-3; 2Pe 3:18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 4:18—Sɛnea anɔpa hann hyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee no, saa ara na Yehowa boa wɔn a wɔdɔ no ma wɔte Bible mu nokware ase nkakrankakra

    • Mt 24:45-47—Yesu kaa sɛ awiei mmere mu no, ɔbɛpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a ɔbɛma n’asomfo honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nyansa a efi Bible mu no som bo ma yɛn sen nea ɛwɔ nhoma a nnipa akyerɛw mu?

Wɔn a wɔfi wɔn komam sua Bible no, dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn?

Sɛ yɛpɛ sɛ yenya yɛn kokoam Bible adesua so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bisa?

Sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn honhom fam aduan a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ne nyinaa?

Mt 24:45-47

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mt 4:4; 1Ti 4:15

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nokware nimdeɛ na yenya mu ntease a ɛkɔ akyiri?

Adɛn nti na ehia sɛ yenya nyansa ne ntease?

Sɛ yɛresua ade a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo kenkan nea yɛresua no na yedwinnwen ho nso?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen ho hu kwan a yɛde Onyankopɔn Asɛm bɛbɔ yɛn bra?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho hwɛ sɛnea yebetumi aka nea yɛasua no bi akyerɛ nkurɔfo?

Sɛ yɛtaa sua nokwasɛm a ɛho hia no a, sɛn na ɛbɛboa yɛn?

2Pe 1:13; 3:1, 2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 6:6, 7; 11:18-20—Yehowa de akwankyerɛ maa ne nkurɔfo sɛ, hokwan biara a wɔbenya no, wɔmfa n’asɛm nnua wɔn mma komam

Sɛ abusuafo bom sua Onyankopɔn Asɛm a, ɛboa wɔn sɛn?

Efe 6:4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 18:17-19—Ná Yehowa pɛ sɛ Abraham kyerɛkyerɛ n’abusua ma wɔfa Yehowa akwan so, na wɔyɛ nea ɛtene

    • Dw 78:5-7—Ná ɛsɛ sɛ Israelfo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔhu Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkyirimma nso bɛkɔ so de wɔn ho ato Yehowa so

Sɛ yɛne asafo no bom sua ade a, ɛboa yɛn sɛn?

Heb 10:25

Hwɛ Mme 18:1 nso