Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansa

Nyansa

Sɛ yɛpɛ nyansa ankasa a, yɛbɛyɛ dɛn anya bi?

Sɛ yɛpɛ nyansa ankasa a, yebehu wɔ he?

Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma yɛn nyansa anaa?

Kol 1:9; Yak 1:5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 1:8-12—Bere a Ɔhene Solomon yɛ aberante no, ɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ nyansa a ɔde bedi Israel so yiye, na Yehowa nso yii ne yam maa no nyansa

    • Mme 2:1-5—Bible de nyansa, ntease, ne nhumu totoo biribi a ɛsom bo a wɔde asie ho; ne hwehwɛ yɛ den, nanso woyere wo ho a, Yehowa bɛboa wo ama woanya bi

Hena na Yehowa nam no so ma yenya nyansa, na dɛn na Yehowa nam so boa yɛn ma yenya nyansa?

Yes 11:2; 1Ko 1:24, 30; 2:13; Efe 1:17; Kol 2:2, 3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 8:1-3, 22-31—Bible ka nyansa ho asɛm te sɛ onipa, na sɛnea ɛkaa no no ma yehu sɛ Onyankopɔn Ba Yesu a ɔyɛ abɔde nyinaa mu abakan no, ne ho asɛm na na ɛreka

    • Mt 13:51-54—Ná Yesu atiefo pii nte ase sɛ, ɔbarima a wɔne no boom nyinii yi anya nyansa pii saa

Dɛn na ɛma yehu sɛ obi wɔ nyansa a efi soro?

Sɛn na nyansa boa yɛn na ɛbɔ yɛn ho ban?

Nyansa a efi Onyankopɔn hɔ no, sɛn na ɛsom bo?

Mme 3:13, 14; 8:11

Hwɛ Hio 28:18 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 28:12, 15-19—Ɛwom sɛ na Hiob redi awerɛhow paa, na ɔrefa yaw pii mu, na na wahwere ade de, nanso ɔkaa sɛ, Onyankopɔn nyansa som bo paa

    • Dw 19:7-9—Ɔhene Dawid kaa sɛ, nea onni nimdeɛ no, Yehowa mmara ne ne nkaesɛm betumi ama no anya nyansa

Wiase nyansa a ɛmfa Onyankopɔn nyɛ hwee no, sɛn na ebetumi apira yɛn?