Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ


Sɛnea wubenya adesua ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no so mfaso

Sɛnea wubenya adesua ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no so mfaso

Ma obi ne wo nsua nhoma yi: Wubetumi aka akyerɛ nea ɔde nhoma yi maa wo no sɛ ɔne wo mmesua Bible, anaa wubetumi de w’abisade afa jw.org so, na obi ne wo bɛba abesua Bible.

ƆFÃ A EDI KAN

Kenkan nkyekyɛm biara. Afei nsɛmmisa (A) ne kyerɛwnsɛm (B) a ɛbɛma woahu nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu nso, kenkan. Ɛyɛ a hyɛ no nsow sɛ kyerɛwnsɛm no bi wɔ hɔ a yɛahyɛ da aka sɛ monkenkan.

ƆFÃ A ƐTO SO MMIENU

Ɔfã a yɛato din Sua Pii Ka Ho no, sɛ wohwɛ asɛm (D) a ɛwɔ ase pɛɛ no a, wubehu sɛ ɛbɔ nea morebesusuw ho wɔ hɔ no mua. Adesua biara wɔ nsɛmti nketewa (E) a ɛma wuhu nneɛma titiriw a wubesua wɔ saa adesua no mu. Kenkan kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no, ma nsɛmmisa no ho mmuae, na hwɛ video ahorow no (Ɛ) nso.

Tɔ wo bo ase hwɛ mfoni ahorow no, na kan nsɛm a wɔakyerɛw afa ho no (F). Afei ɔfã bi wɔ hɔ a yɛato din Ebinom Ka Sɛ (G). Asɛm a ɛwɔ hɔ no, fa no sɛ obi na aka akyerɛ wo anaa wabisa wo na hwɛ sɛnea anka wubeyi no ano.

ƆFÃ A ETWA TO

Ɔfã a yɛato din Nea Yɛasua ne Ntimu (H) no bɔ adesua no nyinaa mua. Sɛ muwie adesua biara a, bɔ date hyɛ baabi a yɛakyerɛ no. Ɔfã a yɛato din Fa Wei Si W’ani So (I) no bɛma woahu biribi a wubetumi ayɛ ho adwuma. Wohwɛ ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu (K) no a, wubenya nsɛm afoforo a wubetumi akenkan anaa video ahorow a wubetumi ahwɛ.

Sɛnea wubehu kyerɛwnsɛm ahorow no wɔ wo Bible mu

Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no, sei na yɛahyehyɛ no. Bible mu nhoma no din (A) na edi kan. Nɔma a edi so no yɛ nhoma no ti (B), na nɔma a etwa to no yɛ nkyekyɛm (D) no. Ɛho nhwɛso ni: Wuhu Yohane 17:3 a, ɛkyerɛ Yohane nhoma, ti 17, nkyekyɛm 3.