Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ


Wohwɛ a wubetumi anya anigye daa?

Wohwɛ a wubetumi anya anigye daa?

Wobɛka sɛ . . .

  •   aane?

  • daabi?

  • ebia?

NEA BIBLE AKA

“Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”​DWOM 37:29.

SAA ASƐM YI KYERƐ SƐN?

Ɛkyerɛ sɛ daakye wo ne w’abusuafo ne wo nnamfo asom bedwo mo, na mo ani begye.​YEREMIA 29:11.

Ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ mfe kakraa bi pɛ na wode bɛtena nkwa mu. Mmom, wobɛtena ase daa.​DWOM 22:26.

NEA BIBLE AKA YI, YEBETUMI AGYE ADI ANAA?

Aane! Wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka saa a, yɛsrɛ wo hwɛ ti ahorow mmiɛnsa a ɛwɔ nhoma yi mu no, na wubehu nea enti a yebetumi agye Bible no adi. Ti ahorow no na edidi so yi: