Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 1

Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm

Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm

Nnyinasosɛm: “Ɔdɔ . . . , ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.”—1 Kor. 13:​4, 5.

Nea Yesu Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 4:​6-9. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Dɛn na Yesu de n’ani too fam hu faa ɔbea no ho ansa na ɔne no refi ase abɔ nkɔmmɔ?

  2.   Yesu refi nkɔmmɔ no ase no, ɔkaa sɛ: “Ma me [nsu no] bi nnom.” Ɔkwan a Yesu faa so no, adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛne obi rebɔ nkɔmmɔ na yɛde asɛm a ehia nipa ko no fi ase a, ebetumi ama nkɔmmɔ no akɔ yiye.

Suasua Yesu

3. Nyɛ kyenkyenenn. Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, mfa asɛm bi nhyɛ w’adwenem sɛ ɛno ara na wode befi nkɔmmɔ no ase. Nea wohwɛ a ɛwɔ onipa no adwenem saa da no, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ wode hyɛ ase. Bisa wo ho sɛ:

  1.    ‘Wutie kaseɛbɔ a, nsɛm bɛn na wote?’

  2.   ‘M’adwumamfo, me sukuufo, anaa wɔn a wɔte me mpɔtam no, asɛm bɛn na ɛda wɔn ano?’

4. Fa w’ani to fam. Bisa wo ho sɛ:

  1.   a. ‘Dɛn na onipa no reyɛ saa bere no? Mehwɛ a dɛn na ɔredwen ho?’

  2.  b. ‘Mehwɛ sɛnea ne fie hɔ te, ataade a ɔhyɛ, sɛnea wahyehyɛ ne ho, ne ti nwi ne ade a, ɛhe na ofi anaa ɔsom bɛn mu na ɔwɔ?’

  3.  d. ‘Saa bere yi me ne no bɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛkɔ yiye anaa?’

5. Yɛ aso tie no.

  1.    Mma wo kasa nnyɛ tenten.

  2.   Boa no ma ɔnkyerɛ n’adwene. Edu baabi a ehia a, na woabisa no asɛm.