Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 2

Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra

Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra

Nnyinasosɛm: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu de, eye paa!”—Mmeb. 15:23.

Nea Filipo Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 8:​30, 31. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Sɛn na Filipo fii nkɔmmɔ no ase?

  2.   Filipo bisaa ɔbarima no asɛm bi ma nkɔmmɔ no ara de ne ho bae, na ɔkyerɛɛ no nokwasɛm foforo. Nea Filipo yɛe no, adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Filipo Hɔ?

2. Sɛ yɛma nkɔmmɔ no ara de ne ho ba a, ɛbɛma no ayɛ mmerɛw sɛ onipa no befi ne komam akasa, na watie nea yɛwɔ ka.

Suasua Filipo

3. Fa w’ani to fam. Wo ne obi rekasa na wohwɛ sɛnea wayɛ n’anim ne sɛnea ɔreyɛ ne ho no a, ɛma wuhu nneɛma bi fa ne ho. Wohwɛ a wayɛ krado sɛ ɔne wo bɛkasa anaa? Wubetumi abisa no asɛm tiawa bi na ama woatumi aka Bible mu asɛm akyerɛ no. Bisa no sɛ: “Wunim sɛ. . . ?” Sɛ obi nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkasa a, mfa nkɔmmɔ nhyɛ no.

4. To wo bo ase. Mpere wo ho mfa Bible mma nkɔmmɔ no mu. Twɛn ma Bible mu nkɔmmɔ no ara mfa ne ho mmra. Ɛtɔ da a, ebehia sɛ wotwɛn bere foforo ansa na woaka Bible ho asɛm.

5. Nkɔmmɔ no dan a, sesã mu. Nea wo ne no rekasa no betumi de biribi foforo abɛbom ama nkɔmmɔ no adan. Enti yɛ w’adwene sɛ, sɛ ɛba saa a, wobɛdan nea woreka no ama afa n’asɛm no ho. Sɛ ɛnyɛ ɛno na ɛwɔ w’adwenem sɛ wobɛka ho asɛm mpo a, mma no nnhaw wo.