Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 3

Yi Wo Yam Boa Afoforo

Yi Wo Yam Boa Afoforo

Nnyinasosɛm: “Ɔdɔ . . . yam ye.”—1 Kor. 13:4.

Nea Yesu Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 9:​1-7. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Dɛn na Yesu dii kan yɛ maa onifuraefo no? Ɔsaa no yare anaa ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no?—Hwɛ Yohane 9:​35-38.

  2.   Adɛn nti na yebetumi aka sɛ saa kwan a Yesu faa so yi na ɛmaa ɔbarima no tiee asɛmpa no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛma obi hu sɛ yedwen ne ho a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ obetie asɛm a yɛde nam no.

Suasua Yesu

3. Te no ase. Sɛnea ɔte nka no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase.

  1.    Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ɛreteetee no? Dɛn na meyɛ a n’ani begye ho anaa ɛbɛboa no?’ Wubisa wo ho saa nsɛm yi a, ɛbɛma woayi wo yam aboa no.

  2.   Yɛ aso tie no. Woyɛ saa a, ɛbɛma no ahu sɛ wudwen ne ho. Sɛ nipa no ka sɛnea ɔte nka anaa ɔhaw bi a ɔrefa mu kyerɛ wo a, mmɔ n’asɛm no nngu.

4. Wo ne no nkasa kama. Sɛ wudwen obi ho na wopɛ sɛ woboa no a, ɛda adi wɔ wo kasa mu. Enti ɛyɛ a hwɛ nsɛm a woka, ne ɛnne a wode kasa no yiye. Nka nsɛm a ebetumi ahaw obi.

5. Yɛ biribi boa no. Hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa no. Sɛ wuyi wo yam yɛ ade boa obi a, ebetumi ama watie wo.