Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 5

Ka Nsɛm a Ɛfata

Ka Nsɛm a Ɛfata

Nnyinasosɛm: “Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa.”—Kol. 4:6.

Nea Paul Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 17:​22, 23. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Bere a Paul hui sɛ atorosom rekɔ so wɔ Atene no, ɔtee nka sɛn?—Hwɛ Asomafo Nnwuma 17:16.

  2.   Paul ankasa antia Atenefo no, na mmom ɔfaa nneɛma a wɔgye di de dii wɔn adanse. Adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Sɛ yɛto yɛn bo ase dwen asɛm a yɛbɛka, bere a yɛbɛka no, ne sɛnea yɛbɛka no no ho yiye a, ɛbɛma nkurɔfo ani agye sɛ wɔbetie yɛn.

Suasua Paul

3. Pɛ nsɛmfua a ɛbɛfata w’atiefo. Yɛmfa no sɛ woakɔto obi a onnim Kristosom ho hwee. Ɛba saa na woreka Bible anaa Yesu ho asɛm a, ebia ebehia sɛ woka no ɔkwan foforo so.

4. Sɛ obi ka asɛm na ɛnyɛ saa a, mpere wo ho nka sɛ watĩ. Gyaa no ma ɔnkyerɛ n’adwene. Sɛ ɔka biribi na ɛne Bible nhyia a, hyɛ wo ho so na wo ne no annye akyinnye. (Yak. 1:19) Sɛ wutie no a, wubehu nea ogye di ne nea enti a ɔwɔ saa gyidi no.—Mmeb. 20:5.

5. Sɛ ɔka asɛm bi na ɛtɔ asom a, ma onhu sɛ wo ne no yɛ adwene na kamfo no. Ebia ne komam paa de, ohu sɛ nea ogye di no yɛ nokware. Nneɛma a mo nyinaa adwene hyia wɔ ho no, munni kan nka ho asɛm. Afei boa no nkakrankakra ma onhu nea Bible kyerɛkyerɛ.