Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 6

Nya Akokoduru

Nya Akokoduru

Nnyinasosɛm: “Yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.” —1 Tes. 2:2.

Nea Yesu Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Luka 19:​1-7. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na ebinom mpɛ Sakeo asɛm?

  2.   Adɛn nti na Yesu de, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yebetumi aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ obiara a yɛrenyɛ nyiyim a, ehia sɛ yenya akokoduru.

Suasua Yesu

3. Fa wo ho to Yehowa so. Onyankopɔn honhom maa Yesu ahoɔden ma otumi yɛɛ asɛnka adwuma no, na ebetumi aboa wo nso saa ara. (Mat. 10:​19, 20; Luka 4:18) Wɔn a ehu nti wuntumi nka asɛm no nkyerɛ wɔn no, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru na fa di wɔn adanse.—Aso. 4:29.

4. Nka sɛ, ‘asomasi de, mehwɛ a ɔrentie.’ Ebinom wɔ hɔ a, sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔte, ɔbra a wɔwom, dibea a wɔkura, ne ɔsom a wɔwom a, anhwɛ a ɛrenyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no bi nkyerɛ wɔn. Nanso kae sɛ:

  1.    Yennim nea ɛwɔ obi komam; Yehowa ne Yesu nko ara na enim.

  2.   Sɛ obi te sɛn oo, sɛ ɔte sɛn oo, Yehowa betumi ahu no mmɔbɔ.

5. Yehia akokoduru, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye. (Mat. 10:16) Wo ne obiara nnnye akyinnye. Sɛ onipa no mpɛ sɛ obetie anaa wuhu sɛ nkɔmmɔ no betumi akɔfa asɛm aba a, fa ɔkwampa so twa so.—Mmeb. 17:14.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO