Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

YƐ SANKƆHWƐ

ADESUA 7

Mpa Abaw

Mpa Abaw

Nnyinasosɛm: “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, na wɔkaa . . . asɛmpa no.”—Aso. 5:42.

Nea Paul Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 19:​8-10. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Bere a Paul kaa asɛm no, ebinom annye no anni. Dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn a wɔkyerɛɛ ho anigye no a ɛkyerɛ sɛ wampa abaw?

  2.   Wɔn a na wɔn ani gye asɛm no ho no, mpɛn dodow sɛn na na Paul kɔ wɔn nkyɛn, na ɛkɔɔ so mfe sɛn?

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Egye bere ne mmɔdenbɔ na yɛatumi ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn, na yɛne nkurɔfo afi Bible adesua ase.

Suasua Paul

3. Kɔ onipa no hɔ bere a eye ma no. Bisa wo ho sɛ: ‘Bere bɛn paa na mekɔ hɔ a mɛto no? Ɛhe na menya no ne no abɔ nkɔmmɔ, na bere bɛn paa na ɛbɛyɛ bere pa ama no?’ Sɛ bere no nhyɛ da mmoa wo mpo a, mia w’ani kɔ.

4. Monhyɛ bere a mobɛsan atoa so. Bere biara a mobɛbɔ nkɔmmɔ awie no, bisa no ma ɔnkyerɛ bere a obenya kwan ama wo ne no abɔ nkɔmmɔ bio. Mohyɛ bere no a, di so.

5. Mpa abaw ntɛm. Sɛ obi ntaa ntena fie anaa onni ne ho adaagye a, mpere wo ho nka sɛ n’ani nnye asɛm no ho. (1 Kor. 13:​4, 7) Nanso yɛka sɛ mma yɛmmpa abaw a, ɛnkyerɛ sɛ, sɛ biribiara kyerɛ sɛ ɛnkɔ yiye koraa a na yɛda so resɛe bere wɔ onipa no ho.—1 Kor. 9:26.