Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

YƐ SANKƆHWƐ

ADESUA 9

Hu Nnipa Mmɔbɔ

Hu Nnipa Mmɔbɔ

Nnyinasosɛm: “Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; mo ne wɔn a wosu nsu.”—Rom. 12:15.

Nea Yesu Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Marko 6:​30-34. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Adɛn nti na na Yesu ne n’asomafo no pɛ sɛ ‘wɔkɔhyɛ baabi komm’?

  2.   Dɛn na ɛmaa Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yehu nnipa mmɔbɔ a, ɛnyɛ asɛmpa no nko ara na yɛbɛka akyerɛ wɔn, mmom yɛbɛboa wɔn nso.

Suasua Yesu

3. Yɛ aso tie no. Ma onipa no kwan ma ɔnkasa. Sɛ ɔreka sɛnea ɔte nka anaa nea ɛhaw no a, mmɔ n’asɛm no ngu. Sɛ woyɛ aso tie no a, ɛbɛma no ahu sɛ ne ho hia wo.

4. Wunya obi a n’ani gye asɛm no ho a, dwen nea ɛbɛboa no ho. Wohwɛ nkɔmmɔ a moabɔ atwam a, wubetumi abisa wo ho sɛ:

  1.    ‘Adɛn nti na ɛho hia sɛ ohu nokware no?’

  2.   ‘Sɛ osua Bible no a, mfaso bɛn na obenya wɔ n’abrabɔ mu nnɛ, na daakye nso ɛbɛboa no sɛn?’

5. Wunya biribi a ɛbɛboa no a, fa kyerɛ no. Wo ne no hyɛ ase sɛ morebɔ nkɔmmɔ a, mma no nnkyɛ ansa na woama no ahu sɛ Bible adesua betumi ama no anya ne nsɛmmisa ho mmuae na ebetumi aboa no wɔ n’abrabɔ mu nso.